Pular para o conteúdo
Publicidade

João 10

Oguanhwɛfo Pa No

1 "Mereka nokware akyerɛ mo Farisifo no se, onipa biara a ɔmfa nguankuw kwan ano na ɔfa ɔkwan foforo so foro mu no owifo. 2 Onipa a ɔfa ɔkwan ano mu no ne oguanhwɛfo no. 3 Ɔpon no anohwɛfo no bue ɔpon no ma no, na ɔfrɛ nguan no nso a wɔte ne nne ma ɔde wɔn fi adi. 4 ɔde wɔn fi adi a, odi nguan no anim na nguan no nso di nʼakyi, efisɛ wɔte ne nne. 5 Wɔrenni onipa foforo biara akyi. Na ɔfrɛ wɔn a wɔremma, efisɛ wɔnte ne nne." 6 Yesu buu wɔn saa yi nanso nnipa no ante no ase.

7 Yesu ka kyerɛɛ wɔn bio se, "Mereka nokware akyerɛ mo se mene nguannan no ano pon no. 8 Wɔn a wodii mʼanim kan no awifo ne adwowtwafo; ɛno nti nguan no ante wɔn nne anni wɔn akyi. 9 Mene ɔpon no. Obiara a ɔnam me so bewura mu no benya nkwa; wobewura mu asan afi adi na wobenya adidibea. 10 Owifo ba a, obewia anaasɛ obedi awu anaasɛ ɔbɛsɛe ade. Me de, maba ɛbɛyɛ a mubenya nkwa a edi mu.

11 "Mene oguanhwɛfo pa no. Oguanhwɛfo pa no ne obi a otumi de ne nkwa to ma ne nguan. 12 Obi a wɔabɔ no paa ɔnhwɛ nguan so no nyɛ nguan no wura; ɛno nti, ohu pataku reba a oguan gyaw nguan no , na pataku no tow hyɛ nguan no so ma wɔbɔ ahwete. 13 Ɔpaani no guan, efisɛ wɔabɔ no paa na nguan no yiyedi mfa ne ho.

14 "Mene oguanhwɛfo pa no. Minim me nguan na me nguan nso nim me, 15 sɛnea Agya no nim me na me nso minim Agya no. Masiesie me ho nso mewu ama nguan no. 16 Nguan afoforo bi a wɔyɛ me de nanso wonnya mmɛkaa saa nguankuw yi ho ɛ. Ɛsɛ mede wɔn nso bɛka saa nguankuw yi ho. Wobetie me nne na wɔbɛyɛ nguankuw baako a oguanhwɛfo baako na ɔhwɛ wɔn so. 17 Agya no me efisɛ masiesie me ho mede me nkwa bɛto sɛnea ɛbɛyɛ a daakye me nsa bɛka bio. 18 Obiara rentumi nnye me nkwa mfi me nsam. Me ara me mu na mede bɛma. Mewɔ tumi mede ma na mewɔ tumi nso mesan gye bio. Eyi ne nea mʼAgya ahyɛ me menyɛ no."

19 Asɛm a Yesu kae no nti, ɛmaa mpaapaemu baa Yudafo no mu. 20 Wɔn mu pii kae se, "Ɔwɔ honhommɔne! Nʼadwene mu ka no! Adɛn nti na mutie no?"

21 Afoforo nso kae se, "Onipa a ɔwɔ honhommɔne rentumi nkasa sɛɛ! Ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔwɔ honhommɔne betumi ama onifuraefo ahu ade?"

Yudafo Nnye Yesu Nni

22 Awɔw bere bi mu a Asɔredandwira duu Yerusalem no, 23 Yesu kɔpasee asɔredan no mu baabi a wɔfrɛ se Salomo Abrannaa so. 24 Yudafo no betwaa ne ho hyia kae se, "Wobɛma yɛatwɛn akosi da bɛn? wone Kristo no a, pae mu ka kyerɛ yɛn."

25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Maka akyerɛ mo dedaw nanso munnnye me nni. Me nnwuma a menam mʼAgya tumi so no di me ho adanse, 26 nanso munnnye nni, efisɛ monyɛ me nguan. 27 Me nguan te me nne, me nso minim wɔn na wodi mʼakyi. 28 Mema wɔn nkwa a enni awiei a wɔrenwu da, na obi rentumi nhuam wɔn mfi me nsam. 29 MʼAgya a ɔde wɔn maa me no tumi sen obiara, na obiara rentumi nhuam wɔn mfi me nsam. 30 Me ne Agya no baako."

31 Yudafo no san tasee abo anka wɔde rebesiw no. 32 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Mayɛ nnwuma pa pii a Agya no de hyɛɛ me nsa menyɛ no ama moahu, na emu nea ɛwɔ he ho nti na mopɛ musiw me abo yi?"

33 Yudafo no buaa no se, "Ɛnyɛ wo nnwuma pa bi a woayɛ no nti na yɛpɛ yesiw wo abo, na mmom wʼabususɛm a wokae no nti. Woyɛ onipa desani nso woyɛ wo ho Onyankopɔn!"

34 Yesu buaa wɔn se, "Wɔakyerɛw mo ara ankasa mo mmara mu se, Onyankopɔn kae se, Moyɛ anyame. 35 Ɛno nti Onyankopɔn nam anyamesɛm a ɛyɛ nokware so frɛ wɔn a Onyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no se anyamea, 36 adɛn na nea Agya no somaa no baa wiase no ka se, mene Onyankopɔn Ba noa muse waka abususɛm? 37 menyɛ nnwuma a mʼAgya meyɛ no de a ɛno de, munnnye me nni. 38 Nanso meyɛ mʼAgya no nnwuma na munnnye me nni mpo a munnye nnwuma no nni sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi Agya no me mu na me nso mewɔ ne mu." 39 Nkurɔfo no pɛɛ wɔkyere no bio, nanso wɔantumi.

40 Yesu san twa kɔɔ Yordan agya faako a Yohane asu no kɔtenaa . 41 Nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn. Wɔn mu dodow no ara kae se, "Yohane anyɛ anwonwade, nanso biribiara a ɔka faa saa ɔbarima yi ho no nokware." 42 Nnipa a wɔwɔ no mu bebree gyee no dii.

Veja também