21 Marta ka kyerɛɛ Yesu se, "Ao, Awurade, sɛ wowɔ ha a anka me nua no anwu! 22 Minim mpo sɛ saa bere yi mu biribiara a wubebisa Onyankopɔn sɛ ɔnyɛ mma wo no ɔbɛyɛ."
23 Yesu ka kyerɛɛ no se, "Wo nua no bɛsan anya nkwa bio."
24 Marta buaa no se, "Awurade, minim sɛ owusɔre da no ɔno nso bɛsɔre."
25 Yesu ka kyerɛɛ no se, "Me na minyan awufo ma wɔn nkwa. Obiara a ogye me di no sɛ wawu mpo a ɔbɛsan anya nkwa. 26 Na obiara a ɔte ase na ogye me di no renwu da. Wugye eyi di ana?"
27 Marta buae se, "Awurade, migye midi. Migye di sɛ wone Kristo Agyenkwa a ɔne Onyankopɔn Ba a ɔreba wiase no."