Yesu Hyɛn Yerusalem Sɛ Ɔhene
12 Ade kyee no, nnipadɔm a wɔaba Twam Afahyɛ no tee sɛ Yesu reba Yerusalem no, 13 wobubuu berɛw de kohyiaa no kwan de ahurusi teɛteɛɛ mu se,
"Hosiana!"
"Nhyira nka nea ɔreba wɔ Awurade din mu no!"
"Nhyira nka Israelhene!"
14 Yesu rekɔ no, na ɔte afurum ba bi so sɛnea Kyerɛwsɛm hyɛɛ ho nkɔm se,
15 "Nsuro, Ɔbabea Sion!
Hwɛ sɛ wo hene te afurum ba so
reba wo nkyɛn."
16 Mfiase no, asuafo no ante eyinom nyinaa ase kosii sɛ wɔhyɛɛ Yesu anuonyam no ansa na wɔrekae se, Kyerɛwsɛm no aka saa asɛm yi nyinaa afa ne ho dedaw, na ɛno ara ne nea wɔayɛ no.
17 Nnipa a na wɔwɔ hɔ a wohuu sɛ Yesu nyan Lasaro fii awufo mu no kaa asɛm a esii no kyerɛɛ afoforo. 18 Eyi nti na nnipa bebree kɔɔ se wɔrekohyia Yesu kwan no, efisɛ na wɔate sɛ wayɛ anwonwade. 19 Farisifo no huu nea ɛrekɔ so no, wɔkae se, "Anyɛ yiye! Monhwɛ sɛ nnipa no nyinaa atu adi nʼakyi!"