Pular para o conteúdo
Publicidade

João 13

Yesu Hohoro Nʼasuafo Anan Ase

1 Ade rebɛkye ama Twam Afahyɛ no adu no, Yesu huu afei bere aso ofi wiase nʼAgya nkyɛn. Yesu obi a na ɔdɔ nʼakyidifo, na ɔdɔɔ wɔn kosii owui.

2 Bere a na Yesu ne nʼasuafo te adidii no, ɔbonsam kɔhyɛɛ Yuda Iskariot a ɔyɛ Simon ba no mu onyi Yesu mma. 3 Yesu nim nʼAgya de tumi nyinaa ahyɛ ne nsa, na ofi Onyankopɔn nkyɛn na ɔbae, na ɔresan akɔ ne nkyɛn. 4 Yesu sɔre fii didipon no ho, yii nʼatade nguguso guu , de mpepaho twaa nʼasen. 5 Ohwiee nsu guu guasɛn bi mu na ofii ase hohoroo asuafo no anan ase de mpepaho no pepae.

6 Bere a Yesu duu Simon Petro so no, Petro bisaa no se. "Awurade, worebɛhohoro me nan ase ana?"

7 Yesu buaa no se, "Nea mereyɛ yi, worente ase mprempren, nanso akyiri no wobɛte ase."

8 Petro ampene asɛm a ɔkae no so kae se, "Ɛnyɛ wo na ɛsɛ wohohoro mʼanan ase."

Yesu ka kyerɛɛ no se, "manhohoro wʼanan ase a na wonka me ho."

9 Simon Petro kae se, "Awurade, ɛno de na ɛnyɛ mʼanan ase nko, na mmom me nsa ho ne me tirim nso ka ho."

10 Yesu ka kyerɛɛ no se, "Obiara a waguare no aguaree ho nhia no bio gye nʼanan ase nko na ɛsɛ ɔhohoro, ne nipadua no de, efi biara nni ho. Mo nyinaa ho afi, gye mo mu baako ." 11 Na Yesu nim onipa ko a ɔrebeyi no ama no, ɛno nti na ɔkae se ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔn ho afi no.

12 Yesu hohoroo wɔn anan ase wiei no, ɔfaa nʼatade nguguso no hyɛe, san kɔtenaa didipon no ho. Afei obisaa nʼasuafo no se, "Mote nea mayɛ yi ase ana? 13 Mofrɛ me Kyerɛkyerɛfone Awuradea mudi me frɛ; efisɛ ɛno ne nea meyɛ. 14 me a meyɛ mo Awurade ne Kyerɛkyerɛfo no mpo ahohoro mʼanan ase a ɛno de, na ɛsɛ mo nso mohohoro hohoro mo ho mo ho anan ase. 15 Mayɛ eyi de ayɛ nhwɛso ama mo sɛnea mo nso mobɛyɛ saa ara. 16 Mereka nokware akyerɛ mo se, akoa nsen ne wura; saa ara na ɔsomafo nso nsen nea ɔsomaa no no. 17 Afei a moate nea meyɛe no ase yi, moyɛ saa bi a mubenya nhyira.

Veja também