Pular para o conteúdo
Publicidade

Sakaria 6

Nteaseɛnam Anan

1 Memaa mʼani so bio, na mihuu nteaseɛnam anan a efi mmepɔw abien ntam reba, mmepɔw no kɔbere mfrafrae. 2 Teaseɛnam a edi kan no, na apɔnkɔ kɔkɔɔ na wɔtwe, na apɔnkɔ tuntum nso twe nea ɛto so abien no. 3 Nea ɛto so abiɛsa no, na apɔnkɔ fitaa na wɔtwe. Nea ɛto so anan no, na apɔnkɔ ntokontrama na wɔtwe, na apɔnkɔ no nyinaa ho den. 4 Mibisaa ɔbɔfo a na ɔne me rekasa no se, "Me wura, eyinom dɛn?"

5 Ɔbɔfo no buaa me se, "Eyinom ahonhom anan a wofi ɔsoro, na wɔrefi wiase nyinaa Awurade no anim akɔ. 6 Teaseɛnam a apɔnkɔ tuntum retwe no rekɔ ɔman a ɛwɔ atifi fam no so. Teaseɛnam a apɔnkɔ fitaa retwe no rekɔ atɔe fam; na nea apɔnkɔ ntokontrama twe no rekɔ anafo fam."

7 Apɔnkɔ ahoɔdenfo no fii adi no, wɔpɛɛ wɔkɔ asase nyinaa so. Na ɔbɔfo no kae se, "Monkɔ asase nyinaa so!" Enti wɔkɔɔ asase so mmaa nyinaa.

8 Afei ɔfrɛɛ me se, "Hwɛ, wɔn a wɔrekɔ atifi fam man so no ama me Honhom ahomegye atifi fam asase no so."

Yosua Ahenkyɛw

9 Awurade asɛm baa me nkyɛn. Ɔkae se, 10 "Gye sikakɔkɔɔ ne dwetɛ fi wɔn a wɔatwa wɔn asu, Heldai, Tobia ne Yedaia a wofi Babilonia aba no nkyɛn. Da no ara Sefania babarima Yosia fi. 11 Gye dwetɛ ne sikakɔkɔɔ na fa ahenkyɛw, hyɛ ɔsɔfopanyin Yosua a ɔyɛ Yehosadak babarima no ti. 12 Ka kyerɛ no se, sɛɛ na Asafo Awurade se: Ɔbarima a wɔfrɛ no Dubaa no ni, na ɔbɛfefɛw afi akosi Awurade asɔredan no. 13 Ɔno na obesi Awurade asɔredan no, na wɔbɛhyɛ no anuonyam, na ɔbɛtena nʼahengua so adi ne hene, na ɔbɛyɛ ɔsɔfo nʼahengua so. Afei asomdwoe bɛba abien no ntam.14 Wɔde ahenkyɛw no bɛma Heldai, Tobia, Yedaia ne Sefania babarima Hen, na wɔde ayɛ nkae ade Awurade asɔredan mu. 15 Wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no bɛba abɛboa Awurade asɔredan no si, na mubehu Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn. moyɛ osetie ma Awurade mo Nyankopɔn nokware mu a, eyi bɛba mu."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também