Publicidade

Zacarias 9

Atemmu A Etia Israel Atamfo

1 Nkɔmhyɛ:

Awurade asɛm tia Hadrak asase

na ɛbɛka Damasko

efisɛ, nnipa ne Israel mmusuakuw nyinaa

ani wɔ Awurade so.

2 Na ɛbɛka Hamat a ɔne no bɔ hye,

ɛbɛka Tiro ne Sidon, ɛwɔ mu sɛ wɔyɛ anyansafo.

3 Tiro asi abandennen ama ne ho;

waboa dwetɛ ano te sɛ mfutuma,

ne sikakɔkɔɔ ano te sɛ dɔte a ɛwɔ mmɔnten so.

4 Nanso Awurade begye nʼahode nyinaa

na wasɛe ne tumi a ɔwɔ wɔ po so,

na wɔde ogya bɛhyew no dwerɛbee.

5 Askelon behu na wasuro

Gasa de ɔyaw bebubu ne mu,

na Ekron nso saa ara, efisɛ nʼanidaso bɛsa.

Gasa bɛhwere ne hene

na wobegyaw Askelon ofituw.

6 Ananafo bɛtena Asdod,

na metwa Filistifo ahantan agu.

7 Meyi mogya). afi wɔn ano,

akyiwade nnuan nso meyi afi wɔn ano.

Nkae no bɛyɛ yɛn Nyankopɔn de;

wɔbɛyɛ Yuda ntuanofo,

na Ekron bɛyɛ sɛ Yebusifo.

8 Nanso mɛbɔ me Fi ho ban

wɔ wɔn a wɔtetɛw bɔ korɔn ho.

Ɔhyɛsoni biara ntumi mfa me nkurɔfo so bio,

efisɛ afei merewɛn.

Sion Hene Ba

9 Di ahurusi, Ɔbabea Sion!

Teɛ mu, Ɔbabea Yerusalem!

Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn.

Ɔteɛ na ɔwɔ nkwagye,

odwo, na ɔte afurum so,

afurum ba so na ɔte.

10 Megye nteaseɛnam afi Efraim

ne akofo apɔnkɔ afi Yerusalem,

na akodi tadua no wobebubu mu.

Ɔbɛpae mu aka asomdwoe nsɛm akyerɛ aman no.

Nʼahenni befi po akɔka po;

ebefi Asubɔnten no akɔpem nsase ano.

11 Na wo de, esiane me ne wo mogya apam no nti,

meyi wo nneduafo afi amoa a nsu nni mu mu.

12 Monsan nkɔ mʼaban mu, nneduafo a mowɔ anidaso;

mprempren mpo merebɔ mo nkae sɛ mɛhyɛ mo anan mu mmɔho.

13 Mɛkom Yuda sɛnea mikuntun me tadua

na mede Efraim bɛhyɛ mu.

Mɛkanyan wo mmabarima, Sion,

atia wo Hela mmabarima,

na mɛyɛ wo sɛ ɔkofo afoa.

14 Afei Awurade bɛda ne ho adi wɔ wɔn so;

nʼagyan betwa yerɛw te sɛ anyinam.

Otumfo Awurade bɛhyɛn torobɛnto no;

ɔbɛbɔ nsra wɔ atɔe fam ahum mu,

15 Asafo Awurade bɛkata wɔn so.

Wɔde ahwimmo bɛsɛe

na wɔde adi nkonim.

Wɔbɛnom na wɔabobɔ mu sɛnea wɔanom nsa;

wɔbɛyɛ ma te sɛ kuruwa a

wɔde pete afɔremuka ntwea so.

16 Awurade wɔn Nyankopɔn, begye wɔn saa da no

sɛ oguanhwɛfo gye ne nguan.

Wobetwa yerɛw yerɛw wɔ nʼasase so,

sɛ abohemaa a ɛbobɔ ahenkyɛw ho.

17 Sɛnea wɔn ho betwa na wɔn ho ayɛ fɛ afa!

Aduan bɛma mmerante anyin ahoɔden so

na nsa foforo bɛma mmabaa anyin saa ara.

Veja também

Publicidade
Zacarias
Ver todos os capítulos de Zacarias
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-18_14-04-22-