Pular para o conteúdo
Publicidade

Sakaria 5

Nhoma Mmobɔwee A Etu

1 Mehwɛɛ bio, na mihuu nhoma mmobɔwee a ɛretu wim mʼanim! 2 Obisaa me se, "Dɛn na wuhu yi?"

Mibuae se, "Mihu nhoma mmobɔwee a ɛnenam wim a ne tenten anammɔn aduasa, na ne trɛw nso anammɔn dunum."

3 Na ɔka kyerɛɛ me se, "Eyi ne nnome a ɛreba asase yi so nyinaa; sɛnea ɔfa baako kyerɛ no, wɔbɛpam ɔkorɔmfo biara, na ɔfa baako nso kyerɛ , obiara a ɔka ntamhunu no, wɔbɛpam no. 4 Asafo Awurade pae mu ka se, Meresoma nnome yi na ɛbɛhyɛn ɔkorɔmfo ne obiara a ɔde me din ka ntamhunu no fi. Ɛbɛka ofie na asɛe ne nnua ne abo.’ "

Ɔbea A Ɔte Kɛntɛn Mu

5 Afei ɔbɔfo a na ɔne me rekasa no baa nʼanim bɛka kyerɛɛ me se, "Ma wʼani so na hwɛ eyi, nea ɛreba yi."

6 Mibisa "Ɛyɛ dɛn?"

Obuae se, "Ɛyɛ kɛntɛn a wɔde susuw nneɛma." Ɔtoaa so se, "nnipa a wɔwɔ wiase yi mu bɔne ahyɛ no ma."

7 Afei woyii kɛntɛn no so sumpii mmuaso no, na mu na na ɔbea bi hyɛ! 8 Ɔkae se, "Eyi atirimɔdensɛm," afei ɔkaa ɔbea no hyɛɛ kɛntɛn no mu na ɔde sumpii mmuaso no kataa no so.

9 Afei memaa me ti so huu mmea baanu a wɔwɔ ntaban te asukɔnkɔn de a wɔde dannan wɔn ho wim. Wɔmaa kɛntɛn no so kɔɔ wim, ɔsoro ne asase ntam.

10 Mibisaa ɔbɔfo a na ɔne me rekasa no se, "Ɛhe na wɔde kɛntɛn no rekɔ?"

11 Obuae se, "Wɔde rekɔ Babilonia asase so akosi fi ama no. Na , wowie a, wɔde kɛntɛn no bɛkɔ akosi nʼafa."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também