23 Asraafo no bɔɔ Yesu asennua mu wiei no, wɔkyɛɛ ne ntade mu maa asraafo baanan no. Na saa atade no yɛ atade bi a wɔanwen fi ne soro kosi ne fam a enni mpamee.
24 Asraafo no nyinaa kae se, "Mommma yɛnntetew mu. Momma yɛmmɔ so ntonto na yenhu onipa a obenya."
Ade a wɔyɛɛ yi sii, sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm a ɛka se,
"Wɔkyekyɛɛ me ntama mu,
bɔɔ mʼatade so ntonto fae" no bɛba mu.
Nea asraafo no yɛe ne no.
25 Nnipa a na wogyina Yesu asennua no ho pɛɛ no ne ne na, ne na nuabea, Maria a ɔyɛ Kleopa yere ne Maria Magdalene. 26 Yesu huu ne na ne osuani a ɔdɔ no no sɛ wogyina hɔ no, ɔka kyerɛɛ ne na se, "Ɔbea, wo ba ni." 27 Afei ɔka kyerɛɛ osuani no se, "Wo na ni." Efi saa bere no, osuani no faa no ne no kɔtenae.