Pular para o conteúdo
Publicidade

João 2

Yesu Ma Nsu Dan Nsa

1 Ne nnansa so na nnipa bi hyiaa ayeforo Kana a ɛwɔ Galilea asase so no. Na Yesu ne na , 2 na wɔato nsa afrɛ Yesu ne nʼasuafo no nso aba bi. 3 Wogu so regye wɔn ani no, ayeforo no ase nsa sa maa Yesu ne na kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, "Wɔn nsa a wɔrenom no asa."

4 Yesu ka kyerɛɛ ne na se, "Dɛn na wopɛ meyɛ? Me bere nnya nnui."

5 Ne na ka kyerɛɛ asomfo no se, "Biribiara a ɔbɛka se monyɛ no, monyɛ."

6 Na abo asuhina asia sisi ; eyinom mu na na Yudafo de nsu gu de hohoro wɔn ho amanne kwan so. Na ahina biara tumi fa nsu galɔn aduasa.

7 Yesu ka kyerɛɛ asomfo no se, "Momfa nsu nhyehyɛ ahina no amaama." Wɔde nsu hyɛɛ no amaama.

8 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Monsaw bi nkɔma onipa a ayeforo no ho ntotoe hyɛ ne nsa no."

9 Nea ayeforo no ho ntotoe hyɛ ne nsa no kaa nsu a adan nsa no hwɛe. Na onnim faako a nsa no fi, nanso na asomfo no de, wonim. Ɔfrɛɛ ayeforokunu no 10 ka kyerɛɛ no se, "Saa nsa yi nsa pa. Wonte afoforo a wɔaka no. Obiara a ɔto pon de nsa pa di kan ba nʼaponto ase, na akyiri no ɔde nsa a enni mu aba. Nanso wo de, wode nsa pa no atwa to!"

11 Saa nsɛnkyerɛnne a Yesu yɛɛ Kana a ɛwɔ Galilea asase so no ne nsɛnkyerɛnne a edi kan a ɔyɛɛ bagua mu de kyerɛɛ ne tumi fi ɔsoro. Ɛmaa nʼasuafo no nso gyee no dii , ampa ara, ɔno ne Agyenkwa no.

Veja também