Yesu Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Maria Magdalene
11 Nanso Maria de, na ɔda so gyina ɔboda no ho resu. Ogu so resu no, ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ ɔboda no mu, 12 na ohuu ɔsoro abɔfo baanu a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa a ɔbaako te atifi na ɔbaako nso te anafo wɔ faako a na Yesu amu no da no.
13 Wobisaa no se, "Ɔbea, adɛn na woresu sɛɛ yi?"
Maria de awerɛhow buae se, "Nnipa bi abɛfa mʼAwurade na minnim faako a wɔde no akɔto." 14 Afei otwaa nʼani hwɛɛ nʼakyi na ohuu sɛ obi gyina hɔ a ɛyɛ Yesu, nanso na onnim sɛ ɛyɛ ɔno.
15 Yesu bisaa no se, "Ɔbea, adɛn nti na woresu sɛɛ yi? Hena na worehwehwɛ no?"
Na Maria de, osusuw sɛ ɛyɛ turo mu hɔ hwɛfo nti obisaa no se, "Owura, sɛ wo na wofaa no fii ha a, mesrɛ wo, kyerɛ me faako a wode no akɔto na menkɔfa no."
16 Yesu frɛɛ no se, "Maria!"
Maria twaa nʼani hwɛɛ no na ogyee so wɔ Hebri kasa mu se, "Rabuni!" (a ase ne "Kyerɛkyerɛfo").
17 Yesu ka kyerɛɛ no se, "Nso me mu, efisɛ minnya nkɔɔ mʼAgya nkyɛn ɛ; kɔka kyerɛ mʼasuafo no se, meresan akɔ mʼAgya a ɔyɛ wɔn agya ne me Nyankopɔn a ɔyɛ wɔn nso Nyankopɔn no nkyɛn."
18 Maria Magdalene fii hɔ kɔbɔɔ asuafo no amanneɛ se wahu Awurade na ɔkaa asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ wɔn.