Pular para o conteúdo
Publicidade

3 Mose (Lewitikɔs) 16

Mpata Da

1 Aaron mmabarima baanu a wowuwuu Awurade anim no wu akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2 "wo nua Aaron kɔkɔ , ɔnnkɔ kronkronbea ntwamtam no akyi; beae a apam adaka no si ne mmɔborɔhunu beae kwa. Ɔkɔ a obewu, efisɛ mʼankasa mewɔ omununkum a ɛkata mpata beae so no mu.

3 "ɔpɛ ɔkɔ a, nea ɛsɛ ɔyɛ ni: Ɛsɛ ɔde nantwinini ba ba ma wɔde bɔne ho afɔre na ɔde odwennini nso ba ma wɔde ɔhyew afɔre. 4 Ɛsɛ oguare na ɔhyɛ atade hanahana ne ne nhyɛase na ɔbɔ nkyekyeremu ne abotiri. 5 Afei, Israelfo bɛbrɛ no mmirekyi abien a wɔde bɛbɔ wɔn bɔne ho afɔre ne odwennini a wɔde bɛbɔ wɔn ɔhyew afɔre.

6 "Ɛsɛ Aaron de nantwi ba no bɛma Awurade bɔne ho afɔre a ɔrebɔ ama ne ho de ayɛ mpata ama ne ho ne ne fifo. 7 Afei, ɔde mmirekyi abien no bɛba Awurade anim Ahyiae Ntamadan no ano. 8 Ɛsɛ ɔbɔ mmirekyi no so ntonto hu Awurade de, ne nea ɛsɛ wɔsan de no . 9 Aaron de abirekyi a wɔde no rebɛbɔ Awurade afɔre no bɛbɔ bɔne ho afɔre. 10 Wɔrenkum abirekyi baako a waka no na wɔde no aba Awurade anim. Wɔbɛyɛ mpata ho dwumadi bi agu ne so na wɔde no akɔ sare so akogyaw no mpata guan.

11 "Aaron de nantwinini ba no bɛbɔ bɔne ho afɔre ama ne ho ne ne fifo. 12 Ɛsɛ ɔfa ade a wɔhyew aduhuam mu a nnyansramma a wɔfaa Awurade afɔremuka no so ayɛ no ma. Afei ɔde aduhuam a wɔayam no muhumuhu bɛyɛ ne nsam na ɔde akɔ ntwamtam no akyi. 13 Ɛhɔ na ɔde aduhuam no begu ogya no so Awurade anim na ayɛ wusiw kumɔnn mpata beae apam ne adaka (a abo apon a wɔakyerɛw Mmaransɛm Du agu so mu) no so nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenwu. 14 Na ɔde nantwinini ba no mogya no bi bɛba na ɔde ne nsateaa baako abɔ mu apete mpata beae apuei fam na wapete no mpɛn ason anim.

15 "Afei, ɛsɛ ofi adi na ɔde abirekyi no kɔbɔ ɔmanfo no bɔne ho afɔre na wɔde ne mogya no ba ntwamtam no akyi na wɔpete gu mpata ne anim sɛnea ɔde nantwinini ba no mogya no yɛe no ara . 16 Na ɛkyerɛ wayɛ mpata ama beae kronkron , efisɛ Israelfo bɔne ama efi aka beae ne Ahyiae Ntamadan no a wɔasi wɔn mfimfini no. 17 Aaron wura Ahyiae Ntamadan no mu kronkronbea rekɔyɛ mpata adwuma no a, ɛnsɛ obiara bi, gye ɔyɛ mpata no ma ne ho ne ne fifo ne Israelfo nyinaa wie.

18 "Afei, ɔbɛkɔ afɔremuka no ho Awurade anim akɔyɛ mpata ama afɔremuka no. Ɛsɛ ɔde nantwinini ba no ne abirekyi mogya no sra mmɛn a etuatua afɔremuka no ho no ho. 19 Na ɔde ne nsateaa baako bɛpete mogya no mpɛn ason agu afɔremuka no so de atew ho afi Israelfo bɔne no ho ayɛ no kronkron.

20 "owie mpata a ɛfa kronkronbea ne Ahyiae Ntamadan no ho nsɛm nyinaa ne afɔremuka no ho a, ɔde abirekyi no bɛba anikann. 21 Na ɔde ne nsa abien agu aboa no apampam, na waka atirimɔden ne atuatew a Israelfo ayɛ, wɔn bɔne nyinaa de agu abirekyi no apampam, na obi a wɔayi no ɔnyɛ saa adwuma no de aboa no bɛkɔ sare so. 22 Enti abirekyi no bɛsoa nnipa no bɔne nyinaa de akɔ asase a obi nte so no so na nipa no agyaa no sare so .

23 "Afei, Aaron bɛkɔ Ahyiae Ntamadan mu bio akɔworɔw nʼatade hanahana a ɔhyɛɛ ntwamtam no akyi no na wagyaw . 24 Ɔbɛkɔ akoguare faako a wɔatew ho na wahyɛ ne ntade no bio na wafi adi akɔbɔ ɔno ankasa ɔhyew afɔre asan abɔ ɔhyew afɔre ama nnipa no na wayɛ mpata ama ne ho ne wɔn. 25 Ɔbɛhyew srade de abɔ bɔne ho afɔre afɔremuka no so.

26 "Akyiri no, ɔbarima a ɔde abirekyi no kɔɔ sare so kogyaa no no bɛhoro ne ntama na waguare na wasan aba beae bio. 27 Na nantwi ba ne abirekyi a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔre no a Aaron de wɔn mogya kɔɔ kronkronbea kɔyɛɛ mpata no, wɔde wɔn bɛkɔ nsraban no akyi baabi akɔhyew a wɔn ho nwoma ne wɔn ayamde ka ho. 28 Akyiri no, onipa a ɔrebɛhyew afɔrebɔde no bɛhoro ne ntama, aguare na wasan akɔ beae bio.

29 "Eyi mmara a ɛwɔ daa. Ɔsram a ɛto so ason no nnafua du so no, ɛnsɛ moyɛ adwuma biara, na mmom, momfa saa da no nkari mo ho nhwɛ ahobrɛase mu. Saa mmara yi ka wɔn a wɔwoo wɔn asase yi so anaa ahɔho a wɔne Israelfo te; 30 efisɛ da yi na wɔde kae mo mpata ne mo ahodwira mo bɔne ho Awurade anim. 31 Ɛyɛ homeda a ɛsɛ mode home enti ɛsɛ mudi da no dinn ahobrɛase mu. Ɛyɛ mmara a ɛbɛtena daa. 32 Saa ahyɛde yi, Ɔsɔfopanyin a wɔasra no no a obesi ne nena Aaron anan na obedi ho dwuma beae . Ɔno nko ara na ɔwɔ ho kwan ɔhyɛ atade kronkron hanahana no 33 na ɔyɛ mpata kronkronbea Ahyiae Ntamadan mu , afɔremuka no so de ma asɔfo no ne nnipa no.

34 "Eyi bɛyɛ mmara a ɛbɛtena daa ama mo, na Israelfo bɔne nti, moagyina so afe biara de ayɛ mpata ama Israelfo afi wɔn bɔne nyinaa mu."

Na Mose dii mmara a Awurade hyɛ maa no no nyinaa so.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também