Pular para o conteúdo
Publicidade

3 Mose (Lewitikɔs) 27

Sɛnea Wogye Nea Ɛyɛ Awurade De No

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2 "Ka kyerɛ Israelfo no se, onipa bi hyɛ ɔde obi bɛma Awurade a, na ɔpɛ otua sika mmom a, 3 obetua dwetɛ gram ahannum ne aduoson (570) ama ɔbarima a wadi mfe aduonu kosi mfe aduosia, 4 ɔyɛ ɔbea a wadi mfe aduonu kosi aduosia a, wobetua dwetɛ gram ahaasa ne aduanan (340), 5 abarimaa a wadi mfe anum kosi aduonu no nso wobetua dwetɛ gram ahannu ne aduasa (230). ɔyɛ ɔbea a, wobetua dwetɛ gram ɔha ne dunum (115). 6 Abarimaa a wadi ɔsram kosi mfe anum no wobetua dwetɛ gram 60; na ɔbabea nso wɔatua dwetɛ gram 35. 7 Ɔbarima a wadi boro mfe aduosia no wobetua dwetɛ gram ɔha aduoson (170); na ɔbea nso wɔatua dwetɛ gram ɔha ne dunum (115). 8 Na obi ohiani a ɔrentumi ntua saa sika yi a, ɔde saa onipa no bɛba ɔsɔfo anim, na ɔsɔfo no akyerɛ no sika a obetumi atua.

9 " ɔde aboa hyɛ afɔrebɔde a ɛfata ma Awurade a, saa aboa no a ɔde ama Awurade no bɛyɛ kronkron. 10 Ɛnsɛ ɔsesa saa aboa no. Ɛnsɛ ɔde nea eye sesa nea enye anaa ɔde nea enye sesa nea eye. ɛba wɔyɛ saa nsesae yi a, wɔbɛfa no mmoa abien no nyinaa ho tew. 11 aboa a ɔde rema Awurade no ho ntew na ɛmfata wɔde afɔrebɔde ma Awurade a, ɛsɛ ne wura no de brɛ ɔsɔfo, 12 na wahwɛ aboa no di mu anaa onni mu, na wakyerɛ sika dodow a ɛsɛ otua de si aboa no anan. 13 aboa no nea ɛsɛ wɔde no afɔre nanso onipa a ɔde no reba no ɔsan gye nʼade a, obetua sika ɔha mu nkyɛmu aduonu aka bo a ɔsɔfo no betwa ama no ontua no ho.

14 " obi de ne fi ma Awurade na ɔpɛ ɔsan gye a, ɔsɔfo no bɛsese ahu eye anaasɛ enye. Bo biara a ɔsɔfo no bɛkyerɛ no na ɛsɛ wotua. 15 nea ɔde ofi no mae no ɔsan gye a ɛsɛ otua ne bo no nkyɛmu ɔha mu aduonu ka ho na ama ofi no asan abɛyɛ ne de.

16 " ɔbarima bi ɔde nʼabusua asase fa bi afɔre ma Awurade a, wobegyina aba kɛntɛnma dodow a ebehia wobedua so no so atwa asase no bo; aba kɛntɛnma biara bo dwetɛ gram ahannum ne aduoson (570). 17 Mfirihyia Aduonum Afahyɛ mu no, obi de nʼafuw kyɛ a, ne bo no rensesa. 18 Na ɔde asase no ma Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no akyi a, ɔsɔfo no begyina mfe a aka ansa na Mfirihyia Aduonum Afahyɛ a edi so no so asese ne bo no, na wobetumi atew so. 19 Na ɔbarima no ogye nʼasase a, ɔsɔfo no bo a ɔbɛbɔ no, obetua ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho ansa na asase no abɛyɛ ne dea bio. 20 Na nso ɔyɛ nʼadwene ɔmpɛ ogye asase no bio, anaasɛ watɔn asase no ama obi foforo a, ɛno de, wɔrentumi nnye bio. 21 wɔdan asase no ma Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no mu a, ɛbɛyɛ asase kronkron. Wɔde bɛto ama Awurade. Ɛbɛyɛ asɔfo no agyapade.

22 " obi de asase a watɔ ma Awurade, na asase no nyɛ nʼabusua asase a, 23 ɔsɔfo no begyina mfe a aka ama wɔadi Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no so asese ne bo. Ɛsɛ onipa ko no tua ka no da no ara, na ɛyɛ afɔrebɔde kronkron ma Awurade. 24 Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no du so a, asase no bɛsan akɔ nea ɔtɔnee no anaasɛ nea na ɔyɛ asase no wura no nkyɛn. 25 Wɔbɛsese ho ka no nyinaa nnwetɛbona a wogye hyiadan mu no ho, a ɛyɛ gram dubaako.

26 " Ɛnsɛ obiara de aboa bi abakan ma Awurade, efisɛ abakan biara, ɔyɛ nantwi anaa oguan no, Awurade de dedaw. 27 ɔyɛ mmoa a wɔn ho ntew no bi a, onipa no betumi atua ne bo no, na ɔde ɛbo no ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho. onipa no antɔ bio de a, wɔbɛtɔn aboa no sɛnea ne bo te.

28 " Ade biara a wɔde ama Awurade no, ɛyɛ nnipa, mmoa anaa abusuasase no, ɛnsɛ wɔtɔn anaa wɔsan gye, efisɛ biribiara a ɛte saa no kronkron ma Awurade.

29 " Onipa biara a Awurade ayi no ama ɔsɛe no, wɔmmfa biribi ntua ne ti ka. Ɛsɛ wokum no.

30 " Asase no so nnɔbae nkyɛmu du mu baako, ɛyɛ aburow anaa aduaba no Awurade dea. Ɛyɛ kronkron. 31 obi ɔsan saa aduaba anaa aburow no a, ɛsɛ ɔde ne bo nkyɛmu anum mu baako ka ho. 32 Anantwi ne nguan no ntotoso du du nyinaa, aboa biara a ɔto so du a ɔfa oguanhwɛfo nsam no kronkron ma Awurade. 33 Aboa a ɔto so du a wɔde bɛma Awurade no, wɔnnhwɛ oye anaa onye, na wɔmmfa biribiara nsi nʼanan mu, efisɛ wɔde biribiara si anan mu a, ne nyinaa bɛyɛ kronkron, a obiara rentumi nnye bio.’ "

34 Eyinom ne ahyɛde a Awurade de maa Mose Sinai Bepɔw so ɔnka nkyerɛ Israelfo no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também