Pular para o conteúdo
Publicidade

3 Mose (Lewitikɔs) 2

Atoko Afɔrebɔ

1 " Obiara a ɔpɛ ɔbɔ aduan afɔre de ma Awurade no, ɛsɛ afɔrebɔde no asikresiam muhumuhu koraa. Wonhwie ngo ngu so mfa aduhuam mfra 2 nkɔma Aaron mma asɔfo no. Ɔsɔfo no bɛsaw siam ne ngo no nsa mma de aka aduhuam no nyinaa ho na wahyew eyi afɔremuka no nkae ade, aduan afɔrebɔ, ehua a ɛsɔ Awurade ani. 3 Ɛsɛ wɔde asikresiam nkae no ma Aaron ne ne mmabarima wɔn aduan; nanso wɔfa ne nyinaa afɔre kronkron a wɔabɔ ama Awurade.

4 " wɔde brodo a wɔato no fononoo mu brɛ Awurade afɔrebɔde a, ɛsɛ wɔde asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ato a mmɔkaw nni mu na ɛbɔ saa afɔre no. Mutumi de brodo ntrantraa dɛdɛ a mmɔkaw nni mu na mode ngo afa so nso afɔre ma ɛyɛ yiye. 5 afɔrebɔde no aduan a wɔato dade so a, asikresiam muhumuhu a mmɔkaw mfra mu, na mode ngo afra na momfa mmɔ saa afɔre no. 6 Mummubu mu asinasin na munhwie ngo ngu so na ɛnyɛ atoko afɔre ara . 7 monoa mo afɔre no kuruwa mu a, ɛno nso, momfa asikresiam muhumuhu a mode ngo afra na ɛmmɔ saa afɔre no. 8 moyɛ aduan bi, motoe, mokyewee anaasɛ mohowee no, ɛsɛ mode saa afɔrebɔde no kɔma ɔsɔfo na ɔno nso de afɔremuka no anim de kɔma Awurade. 9 Afɔrebɔde no mu kakraa bi na ɛsɛ asɔfo no hyew, nanso Awurade ani bɛsɔ ade mu no nyinaa. 10 Nea ɛbɛka no asɔfo no dea, nanso wɔfa no ne nyinaa ɔhyew afɔre kronkron a wɔabɔ de ama Awurade.

11 " Afɔre a mode asikresiam na ɛbɔ no, mommfa mmɔkaw mmfra mu, efisɛ ɛnsɛ ɔhyew afɔre biara a mobɛbɔ ama Awurade no, mode mmɔkaw anaa ɛwo fra mu. 12 Mode bɛbrɛ Awurade aduankan afɔrebɔde, nanso ɛnsɛ wɔhyew afɔremuka no so afɔre a ɛsɔ Awurade ani. 13 Momfa nkyene mfra afɔrebɔde biara. Munnyi mo Nyankopɔn apam mu nkyene mmfi mo atoko afɔrebɔ mu; momfa nkyene nka mo afɔrebɔ nyinaa ho.

14 " mode mo nnɔbae a edi kan mu aba kan rebɛbɔ afɔre a, emu aburow no munhuan ho na montoto na momfa mma Awurade. 15 Momfa ngo ne aduhuam nyɛ ho; ɛyɛ atoko afɔre. 16 Na ɔsɔfo no bɛhyew aburow a wɔayam ne ngo no nkae de aduhuam afra aduan afɔrebɔde a wɔde aba Awurade anim.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também