Pular para o conteúdo
Publicidade

3 Mose (Lewitikɔs) 3

Asomdwoe Afɔrebɔ

1 " obiara ɔbɔ asomdwoe afɔre ma Awurade a, otumi de nantwinini anaa nantwibere , nanso ɛsɛ aboa no nea ne ho nni dɛm biara. 2 Onipa a ɔde aboa no aba no de ne nsa begu aboa no apampam na wakum no Ahyiae Ntamadan no ano. Na Aaron mmabarima asɔfo no apete aboa no mogya agu afɔremuka no ho. 3 Ɛsɛ mufi asomdwoe afɔre mu de nʼayamde ne srade a ɛwɔ ho nyinaa bɛbɔ aduan afɔre ma Awurade, 4 a nʼasaabo abien no ne ne sisi ne nea ne mmerɛbo sa so a mubeyi aka asaabo no ho no. 5 Na ɛsɛ Aaron mma hyew afɔremuka no so, ɔhyew afɔre a ɛda dua a ɛrehyew no so; ɛyɛ aduan afɔre, ehua a ɛsɔ Awurade ani.

6 " abirekyi anaa oguan na mode bɛbɔ asomdwoe afɔre ama Awurade a, ɛnsɛ dɛm biara ba ne ho na ɛsɛ ɔyɛ onini anaa ɔbere. 7 mode oguan ba mo akyɛde a, 8 momfa mo nsa ngu nʼapampam na munkum no Ahyiae Ntamadan no kwan ano. Afei, Aaron mmabarima no bɛpete mogya no agu afɔremuka no ho nyinaa. 9 Saa asomdwoe afɔrebɔde yi fa bi na wɔmfa mma Awurade ɔhyew afɔrebɔde a ne dua ne mu nneɛma ne ɛho srade, srade a ɛwɔ nʼayamde ho no nyinaa, 10 ne asaabo abien ne ɛho srade a ɛbɛn ne sisia ne ne merɛbo a wobeyi a nʼasaabo ka ho no. 11 Ɔsɔfo no bɛhyew no afɔremuka no so aduan a ɛyɛ ɔhyew afɔre ama Awurade.

12 " wode abirekyi brɛ Awurade wʼafɔrebɔde a, 13 fa wo nsa gu aboa no apampam na kum no Ahyiae Ntamadan no kwan ano. Aaron mmabarima de aboa no mogya bɛpete afɔremuka no ho nyinaa. 14 Ɛsɛ wɔhyew saa afɔrebɔde yi fa bi ma Awurade. Saa afɔrebɔde fa no aboa no yam srade, 15 nʼasaabo abien ne ɛho srade a ɛbɛn nʼasen mu ne ne mmerɛbo a wobeyi aka ne asaabo no ho no. 16 Ɔsɔfo no bɛhyew afɔremuka no so ɔhyew afɔre. Awurade ani bɛsɔ saa ɔhyew afɔre no. Kae srade no nyinaa Awurade dea.

17 " Eyi ne mmara a munni so daa nyinaa asase yi so baabiara. Munnni srade anaa mogya.’ "

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também