Pular para o conteúdo
Publicidade

3 Mose (Lewitikɔs) 6

Bɔne A Ɛsɛ Wɔbɔ Ho Afɔdi Afɔre

1 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2 "obi bɔne tia me, ebia, ɔbɛdaadaa ne yɔnko biribi a wɔde ahyɛ ne nsa anaa ade a wɔawia na wɔde abegyaw no no ho, anaasɛ osisi ne yɔnko, 3 anaa otu ahu na ɔka ntam san ho se dekode no nni ne nkyɛn a, 4 obi bɔne na odi ho a, ɔbɛsan de ne akorɔnne no anaa ne tintimgye ade anaa nea wɔde maa no siei anaa agyapade a wɔde ahyɛ ne nsa, anaa ade a ayera no aba, 5 biribiara a waka ho ntamhunu no nso, ɔbɛsan de ne nyinaa aba na ɔde ho mfɛntom ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho abrɛ onipa ko a ɛyɛ ne de no da a ɔrebɔ afɔdi ho afɔre no. 6 Nʼafɔdi ho afɔrebɔde no ɔde odwennini a onni dɛm na ɔsom bo kɔma ɔsɔfo. 7 Na ɔsɔfo no de no bɛyɛ mpata ama no Awurade anim na wɔde ne bɔne akyɛ no."

8 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 9 "Fa saa mmara a ɛfa ɔhyew afɔre ho yi ma Aaron ne ne mmabarima. Wobegyaw ɔhyew afɔrebɔde no ogya no so anadwo mu no nyinaa, na ɛsɛ afɔremuka gya no so dɛw. 10 Ade kye a, ɔsɔfo no bɛhyɛ nʼasɔfotade hyerɛnhyerɛn ase na wahyɛ atadetam koro no ara bi nguguso na wakɔpra ɔhyew afɔre nsõ no de agu afɔremuka no nkyɛn. 11 Afei, ɔbɛsesa ne ntade no na wasoa nsõ no afi beae de akogu beae foforo a wɔatew no. 12 Saa bere yi nyinaa ɛsɛ ogya a ɛwɔ afɔremuka no so no dɛw. Ɛnsɛ edum. Anɔpa biara ɔsɔfo no de ogya foforo bɛhyɛ mu na ɔde da biara ɔhyew afɔre agu so, na wahyew srade a wɔde da biara asomdwoe afɔre no. 13 Ɛsɛ bere biara ogya no so dɛw afɔremuka no so; ɛnsɛ edum.

14 " Atoko afɔre ho mmara nso ni: Aaron mmabarima begyina afɔremuka no anim na wɔde atoko afɔrebɔ no ama Awurade. 15 Ɔsɔfo no bɛsaw asikresiam a wɔayam no muhumuhu no ne nsa ma na ɔde ngo ne aduhuam afra ahyew no afɔremuka no so ehua a ɛsɔ Awurade ani. 16 Ɔsaw ne nsa ma wie a, nea ɛbɛka no Aaron ne ne mmabarima de a wobedi. Wobedi Ahyiae Ntamadan no adiwo a wɔremfa mmɔkaw mfra. 17 Si so dua , wɔto a, wɔmmfa mmɔkaw mmfra mu. Mede saa ɔhyew afɔre a wɔbɔ maa me no bi ama asɔfo no. Esiane ne nyinaa bɔne ne afɔdi ho afɔrebɔ, nti ɛyɛ kronkron. 18 Aaron asefo mmarima ne asɔfo na wonni mfi awo ntoatoaso so nkosi awo ntoatoaso so. Nanso asɔfo no nko ara na wonni afɔrebɔde a wɔabɔ no ogya so ama Awurade no. Biribiara a ɛbɛka wɔn no bɛyɛ kronkron.’ "

19 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 20 "Da a wɔbɛsra Aaron ne ne mmabarima ngo no, ɛsɛ wɔde asikresiam lita abien ne fa brɛ Awurade. Wɔde fa bɛba anɔpa na wɔde fa aba anwummere. 21 Wɔde ngo bɛfra ato dade apampaa so. Ɛsɛ wɔto no yiye na wɔde ba ehua a ɛsɔ Awurade nʼani. 22 Ɔsɔfo a ofi Aaron mmabarima mu a wɔrehyɛ no sɔfo ma wasi nʼagya anan no de bɛma Awurade sɛnea wɔahyɛ ho mmara afebɔɔ wɔnhyew ne nyinaa no. 23 Ɛsɛ wɔhyew ɔsɔfo biara atoko afɔre a ɔbɛbɔ no nyinaa; ɛnsɛ wodi."

24 Afei Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 25 "Ka kyerɛ Aaron ne ne mmabarima bɔne afɔrebɔ ho mmara ni: Saa afɔrebɔde yi ho kronkron yiye enti ɛsɛ wokum no Awurade anim beae a wokum ɔhyew afɔrebɔde no. 26 Ɛsɛ ɔsɔfo a ɔyɛ afɔrebɔ no ho adwuma no we afɔrebɔde no Ahyiae Ntamadan no adiwo . 27 Wɔn a wɔatew wɔn ho a wɔyɛ asɔfo nko ara na wɔwɔ ho kwan wɔde wɔn nsa ka nam no bi; na ɛba aboa no mogya bi pete wɔn ntade mu a, ɛsɛ wɔhoro ntade no beae a wɔatew ho . 28 Ɛsɛ wɔbɔ kuku a wɔnoaa nam no mu no; na ɛyɛ kɔbere nso a, ɛsɛ wotwiw mu, na wɔde nsu hohoro mu nyinaa yiye. 29 Ɔbarima biara a ɔfra asɔfo no mu no bedi afɔrebɔde no biwɔn nko araefisɛ ɛyɛ kronkron yiye. 30 wɔde bɔne ho afɔrebɔde no mogya no bi Ahyiae Ntamadan mu de kɔyɛ mpata kronkronbea a, ɔsɔfo biara renwe bi. Ɛsɛ wɔde ogya hyew aboa no nyinaa Awurade anim.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também