Pular para o conteúdo
Publicidade

3 Mose (Lewitikɔs) 13

Ɔhonam Ani Nsanyare Ho Nsɛnkyerɛnne

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, 2 "obi hu biribi ahon ne honam ani, anaa pɔmpɔ anaa atape asi no na adidi akɔ ne honam mu a, onhu ɛyɛ kwata. Ɛsɛ wɔde saa onipa no kɔma ɔsɔfo Aaron anaa ne mmabarima no mu baako 3 na ɔhwɛ kuru no. nwi a esi kuru no dan fitaa na kuru no atu atɔ ɔhonam no mu a, na ɛyɛ kwata a ɛsɛ ɔsɔfo no da no adi ɔyarefo no ɔkwatani. 4 Na kuru no ntɔɔ ɔhonam no mu na kuru no nwi no nso nyɛɛ fitaa a, ɛsɛ ɔsɔfo no yi ɔyarefo no fi nnipa mu nnanson. 5 Nnanson no du a, ɔsɔfo no bɛhwɛ no bio na kuru no nsakrae na ɛntrɛwee ɔhonam no ani a, ɔsɔfo no bɛsan atwa no asu nnanson bio. 6 Afei ne nnanson so no, ɔsɔfo no bɛhwɛ ne honam ani bio, na ohu ɔyare no ano abrɛ ase a ɛntrɛwee a, ɔsɔfo no bɛka ato gua , ɔyarefo no ho atɔ no; ɔbɛkyerɛ mu ɛyɛ ntwom bi na eguu no bere tiaa bi mu. Enti ɔyarefo no horo ne ntama a, wɔbɛfa no wanya ayaresa awie. 7 Na nso ɔyarefo no ba ɔsɔfo no nkyɛn ma ɔhwɛ no na ɔyare no atrɛtrɛw a, ɛsɛ ɔsan ba ɔsɔfo no nkyɛn bio 8 na ɔhwɛ no na ɔyare no atrɛtrɛw ɔhonam no ani a, afei, ɔbɛpae mu aka amanne kwan so no, ne ho ntew na ɛyɛ ɔhonam ani nsanyare.

9 "obi nya ɔhonam ani nsanyare a, ɛsɛ wɔde no kɔkyerɛ ɔsɔfo na ɔhwɛ no. 10 ɔsɔfo no hu nwi no bi ayɛ fitaa na kuru atɔ saa beae a, 11 na ɛkyerɛ ɛyɛ ɔhonam ani nsanyare, na ɛsɛ ɔsɔfo no de to gua amanne kwan so no, onipa no ho ntew. Ɛba saa a, wɔnhwehwɛ ɔyare no mu bio, efisɛ ɛda adi pefee ɔhonam no ayɛ kwata.

12 "Nanso ɔsɔfo no hu kwata no adidi ne honam nyinaa fi ne ti so kosi ne nan ase nyinaa a, 13 ɔsɔfo no bɛpae mu aka se ne ho tew, efisɛ ne honam nyinaa adan ayɛ fitaa. 14 Na akuru no bi pue ne honam no baabi foforo a, wɔbɛpae mu aka onipa no ɔkwatani. 15 Ɛsɛ ɔsɔfo no pae mu ka ntɛm ara a ohu kuru honam no fa baabi, efisɛ akuru no kyerɛ kwata ɔhonam no mu. 16 Na akuru no wu na ɛdan fitaa ɔhonam a aka no a, ɔkwatani no bɛkɔ ɔsɔfo no bio. 17 Ɔsɔfo no bɛhwɛ no na ɔhonam no fa ayɛ fitaa de a, ɔsɔfo no bɛpae mu aka ne ho atɔ no.

18 "pɔmpɔ si obi na agyae 19 na baabi a pɔmpɔ no sii no biribi hyerɛnn bi, anaa nea ɛbere kakra hon a, ɛsɛ ɔde ne ho kɔkyerɛ ɔsɔfo. 20 Na ɔsɔfo no hwɛ na ɔyare no adidi ne honam mu na nwi a ɛwɔ ɔhonam no no ayɛ fitaa a, ɔsɔfo no bɛpae mu aka se ɔyarefo no ho ntew, efisɛ kwata apue afi pɔmpɔ no mu. 21 Nanso ɔsɔfo no hwɛ na ohu nwi fitaa biara nni baabi a ɔyare no no, na ɔyare no nnidi nkɔɔ honam no mu, na ahosu no nsonso a ɔsɔfo no beyi no afi nnipa mu nnanson. 22 Saa bere no mu beae no trɛtrɛw a, ɔsɔfo no bɛpae mu aka se, onipa no yare kwata. 23 Na beae a ɛhɔ ayɛ hyerɛnn no anhon bio na antrɛtrɛw a, na ɛyɛ pɔmpɔ no twa kɛkɛ enti ɔsɔfo no bɛpae mu aka se ne ho tew.

24 "obi hyehyew na ɔhyehyew no mu kɔkɔɔ ne fitaa anaa fitaa a, 25 ɛsɛ ɔsɔfo no hwɛ faako a ɔhyehyew no . nwi a ɛwɔ beae a ɛhɔ nnii dɛm biara no dan fitaa na ɛyɛ ade a adidi ɔhonam no mu a, na ɛyɛ kwata na apue afi ɔhyehyew no mu, enti ɛsɛ ɔsɔfo no pae mu ka onipa no ɔkwatani. 26 Na ɔsɔfo no hwɛ hu nwi fitaa nni beae a ɛhɔ hyerɛnn no, na hyerɛnn no nnidi nkɔɔ ɔhonam no mu, na ɔyare no regyae a, ɔsɔfo no beyi no afi nnipa mu nnanson 27 na wahwɛ no ne nnanson so bio. ɔyare no trɛw fa ɔhonam no ani a, ɛsɛ ɔsɔfo no pae mu ka se kwata ayɛ onipa no. 28 Nanso ɔhonam no fa a ayɛ hyerɛnn no antrɛtrɛw ɔhonam no ani, na ɛyɛ nea ɛhɔ retwintwam no a, wɔbɛfa no ɛyɛ ɔhyehyew twa bi, enti ɔsɔfo no bɛda no adi ɔnyare kwata.

29 "kuru da ɔbarima anaa ɔbea bi tirim anaa nʼafono ho a, 30 ɛsɛ ɔsɔfo no hwɛ; ɔhwɛ na ohu ɔyare no adidi ɔhonam no mu na ɔsan hu nwi a ɛte akokɔsrade kuru no mu a, ɛsɛ ɔpae mu ka se onipa no yare kwata. 31 Na ɔsɔfo no hwɛ na ohu ɔyare no nnidi nkɔɔ ɔhonam no mu, na mmom, ɛwɔ ɔhonam no ani a nwi tuntum mu a, ɛsɛ woyi onipa no fi nnipa mu nnanson, 32 na ne nnanson so no, wɔsan hwɛ no bio. ɔyare no ntrɛtrɛwee, na nwi a ɛte akokɔsrade nnaa ne ho adi mu na ennidi nkɔɔ ɔhonam no mu a, 33 ɔbɛtwerɛw nwi a atwa kuru no ho ahyia nyinaa (na mmom ɛnyɛ kuru no mu ankasa) na ɔsɔfo no ayi no afi nnipa mu nnanson bio. 34 Ne nnanson so no, ɔbɛsan ahwɛ no, na ɔyare no ntrɛtrɛw nnidi nkɔɔ ɔhonam no mu a, ɔsɔfo no bɛpae mu aka se onipa no ho atew na ɔhoro ne ntama wie a, na afei wadi mu. 35 Na akyiri no saa ɔyare no trɛtrɛw a, 36 ɛsɛ ɔsɔfo no hwɛ no bio a ɔhwɛ nwi a ɛte akokɔsrade fra ɔyare no mu na ɔpae mu ka se, onipa no yare kwata. 37 Na ɔyare no trɛw a ɛtrɛtrɛw no gyae na nwi tuntum fuw beae a, na ɛkyerɛ , ne ho atɔ no a kwata biara nni ne ho enti ɛsɛ ɔsɔfo no pae mu ka se ne ho atew.

38 "ɔbarima anaa ɔbea bi honam ani fitaa hanahana, 39 na akyiri no ɔhonam no ani dum ara na ɛredum a, na ɛnkyerɛ kwata ayɛ onipa no, na mmom, ɛyɛ ɔyare foforo bi.

40 "obi ti so pa a, ɛwɔ mu ne ti so apa de, nanso ɛno nkyerɛ ɔyɛ ɔkwatani! 41 obi ti so pa fi ne moma so a, na ne moma so ara na apa, na ɛnkyerɛ ɛyɛ kwata. 42 Na mmom, nsisii akɔkɔɔ a fitaa frafra mu tipae no so a, na ɛkyerɛ ebia kwata ɛyɛ saa onipa no. 43 ɛba saa a, ɔsɔfo no bɛhwɛ no na biribi kɔkɔɔ aboa ne ho baabi te kwata a, 44 na ɛkyerɛ , kwata ayɛ no, enti ɛsɛ ɔsɔfo no pae mu ka se, onipa no yare kwata.

45 "Onipa biara a wobehu ɔyare kwata no, ɛsɛ ofura ntama a atetew na ɔma ne tinwi fuw, twa mpɛsɛmpɛsɛ na ɔkata nʼanim fa na ɔnam a ɔteɛteɛ mu se, Me ho ntew! Me ho ntew!46 Na nna dodow a ɔyare no nkɔe no de, wɔbɛfa ɔyarefo no ne ho ntew enti ɛsɛ ɔtena kurow no akyi baabi.

47 "kwata ho nsɛnkyerɛnne bi ka atade, 48 kuntutam anaa nweratam, aboa nhoma anaa biribiara a wɔde aboa nwoma ayɛ mu, 49 na nsisii ahabammono anaa kɔkɔɔ mu a, ebia na ɛyɛ kwata, enti ɛsɛ wɔde kɔma ɔsɔfo na ɔhwɛ. 50 Ɔsɔfo no de bɛkɔ akosie nnanson. 51 Nnanson so no, wasan ahwɛ bio. Na ohu nsisii no atrɛtrɛw a, na ɛkyerɛ , ɛyɛ kwata a etumi san nnipa. 52 Ɛsɛ ɔde ogya hyew ntama, kuntu ne ntadetam ne aboa nwoma no nyinaa, efisɛ, ɛnam eyinom so betumi ama ɔyare no asan nnipa.

53 "Na ne nnanson so no ɔhwɛ na nsisii no ntrɛtrɛwee a, 54 ɔsɔfo no bɛhyɛ ama wɔahoro nneɛma a wodwen ɔyare no bi mu no no nyinaa na wɔakora no baabi bio nnanson. 55 nnanson bio akyi faako a ɔyare no no nsesaa nʼahosu na ɛntrɛwee a, wɔbɛfa no ɛyɛ kwata nti ɛsɛ wɔhyew ade no, efisɛ ɔyare no adidi mu ara yiye. 56 Na ɔsɔfo no hu nneɛmahoro no akyi, nsisii no ano abrɛ ase a, obetwa afi ntama anaa aboa nwoma a wɔde adi dwuma bi no mu. 57 Na ɛsan ba bio de a, na ɛyɛ kwata enti ɛsɛ wɔhyew no. 58 wɔhoro na asɛm biara amma ho a, wotumi de di dwuma biara bere a wɔasan ahoro no."

59 Eyinom ne mmara a ɛfa kwata a ɛwɔ ntama anaa biribiara a wɔde aboa nhoma ayɛ a wɔnam so da no adi kwata dekode no mu anaa bi nni mu no ho.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também