Pular para o conteúdo
Publicidade

3 Mose (Lewitikɔs) 1

Ɔhyew Afɔrebɔ

1 Afei, Awurade kasa fii Ahyiae Ntamadan no mu kyerɛɛ Mose se, 2 "Kyerɛ Israelfo no se, morebɔ Awurade afɔre a, momfa mo anantwi ne mo nguan no bi na mommɔ saa afɔre no.

3 " mo ɔhyew afɔrebɔde no nantwi a ofi mo nantwibuw mu a, momfa nantwi a onnii dɛm na ɛmmɔ saa afɔre no sɛnea ɛbɛsɔ Awurade ani. Fa aboa no Ahyiae Ntamadan no pon ano na ɛhɔ na asɔfo no begye wʼayɛyɛde a wode rebrɛ Awurade no. 4 Ɛsɛ onipa a ɔde aboa no reba no de ne nsa gu aboa no ti so mpata ma afɔrebɔni no. Onyankopɔn bɛpɛ aboa no wu sen afɔrebɔni a ɔde saa aboa no bɛba no bewu ne bɔne so akatua. 5 Afɔrebɔni no bekum aboa no Awurade anim. Na Aaron mmabarima asɔfo no asɔw aboa no mogya de akyerɛ Awurade. Na wɔde mogya no apete afɔremuka a esi Ahyiae Ntamadan no kwan no ano no ne ho nyinaa. 6 Afei, asɔfo no bɛpa aboa no ho nwoma na wɔabobɔw. 7 Na ɔsɔfo Aaron mmabarima no bɛsɔ gya afɔremuka no so. 8 Na wɔde aboa no akwaa bi ne ne ti ne ne srade ka ho agu nnyansin no so. 9 Momfa nsu nhohoro nʼayamde ne ne nan ho na asɔfo no nhyew no afɔremuka no so. Ɛyɛ ɔhyew afɔre, aduan afɔrebɔ, ehua a ɛsɔ Awurade ani.

10 " afɔrebɔ no ɔhyew afɔre na aboa no oguan anaa abirekyi a, ɛsɛ ɔyɛ onini a ne ho nni dɛm biara. 11 Onipa a ɔde no bae no bekum no Awurade anim afɔremuka no atifi na Aaron mmabarima asɔfo no apete mogya no agu afɔremuka no so ne ɛho nyinaa. 12 Ɔbɛhyehyɛ nam no na asɔfo no de nʼasinasin no ne ti no ne ne srade no agu nnyansin a egu afɔremuka no so no so. 13 Wɔde nsu bɛhohoro nʼayamde ne ne nan no ho ansa na asɔfo no ahyew afɔremuka no so de ama Awurade; efisɛ ɔhyew afɔre Awurade ani.

14 " obi ɔde anomaa ɔhyew afɔre a, ɔmfa nturukuku anaa mmorɔnomamma. 15 Ɔsɔfo no bɛfa anomaa no de no akɔ afɔremuka no so na watew ne ti ahyew no, na wasɔn ne mogya no agu afɔremuka no nkyɛn. 16 Afei, ɔsɔfo no beyi ne mene ase, atutu ne ntakra no na watow agu nsõ no mu afɔremuka no apuei fam. 17 Afei, ɔbɛtwe ne ntaban mu ama emu ntin no atetew asensɛn , na ɔsɔfo no ahyew no afɔremuka no so. Ɛyɛ ɔhyew afɔre, aduan afɔrebɔ, ehua a ɛsɔ Awurade ani.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também