Pular para o conteúdo
Publicidade

Yohane 20

Yesu Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Nʼasuafo

19 Saa da no ara anwummere a na esiane Yudafo mpanyin no ho hu nti, asuafo no ato wɔn ho pon mu no, Yesu baa ɔdan no mu kyiaa wɔn se, "Asomdwoe nka mo." 20 Okyiaa wɔn wiei no, ɔde ne nsam ne ne mfem kyerɛɛ wɔn. Asuafo no huu Awurade no, wɔn ani gyei yiye.

21 Yesu san kyiaa wɔn bio se, "Asomdwoe nka mo!" Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Sɛnea Agya no somaa me no, saa ara na me nso meresoma mo." 22 Ɔhome guu wɔn so kae se, "Honhom Kronkron no mmra mo so. 23 mode obi bɔne kyɛ no a, wɔde bɛkyɛ no; na moamfa obi bɔne ankyɛ no a, wɔremfa nkyɛ no."

Veja também