29 Yesu ka kyerɛɛ no se, "Woahu me no nti, na woagye adi; nhyira nka wɔn a wonhuu me nanso wogye di."
30 Yesu yɛɛ anwonwade ahorow bebree kyerɛɛ nʼasuafo no a wɔankyerɛw wɔ saa nhoma yi mu. 31 Nanso biribiara a wɔakyerɛw wɔ saa nhoma yi mu no, wɔakyerɛw sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi sɛ, Yesu ne Agyenkwa, ne Onyankopɔn Ba no; na sɛ mugye no di a, mubenya nkwa.