16 "Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no nyera na wanya nkwa a enni awiei. 17 Onyankopɔn ansoma ne Ba amma wiase sɛ ommebu wiase atɛn, na mmom ɔsomaa no se ommegye wiase nkwa. 18 Obiara a ogye ɔba no di no, wɔremmu no atɛn; na nea onnye no nni no, wɔabu no atɛn dedaw, efisɛ wannye Onyankopɔn Ba koro no anni. 19 Nea Onyankopɔn gyina so bu atɛn ne sɛ: Hann no aba wiase nanso nnipa ani gye sum ho sen Hann no, efisɛ wɔn nneyɛe nyinaa yɛ bɔne.