Pular para o conteúdo
Publicidade

João 5

Ɔtare Bi Ho Ayaresa

1 Eyi akyi no Yudafo afahyɛ bi nti Yesu san kɔɔ Yerusalem. 2 Na ɔtare bi kurow no mu a wɔfrɛ no Betseda a na ɛbɛn kurow no ano pon kɛse bi a wɔfrɛ no Nguan Pon no. Na wɔabɔ pata ahorow anum atwa ho ahyia. 3 Saa pata yi ase na na ayarefo pii , anifuraefo, mpakye ne mmubuafo retwɛn Awurade bɔfo fi ɔsoro bɛba abɛfono nsu no. 4 Nea ɛte ne , ɔbɔfo no fono nsu no wie a, ɔyarefo a obedi kan atɔ mu no nya ayaresa. 5 Na ɔbarima bi ayare ada ɔtare no ho mfe aduasa awotwe. 6 Yesu huu wayare ada akyɛ no, obisaa no se, "Wopɛ wo ho wo ana?"

7 Ɔyarefo no buaa no se, "Me wura, ɔbɔfo no bɛfono nsu no a, minnya obi a ɔbɛma me so ato mu. Bere biara a mɛbɔ me ho mmɔden merekɔ mu no, obi di me kan."

8 Yesu ka kyerɛɛ no se, "Sɔre! Bobɔw wo kɛtɛ na fie." 9 Amono mu ara, ɔbarima no nyaa ahoɔden bobɔw ne kɛtɛ, fii ase nantewee.

Na saa da no homeda.

Veja também