Pular para o conteúdo
Publicidade

João 6

53 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Mereka nokwasɛm akyerɛ mo; moanni Onipa Ba no honam aduan na moannom ne mogya a, morennya nkwa a enni awiei. 54 Obiara a odi me honam aduan na ɔnom me mogya no nya nkwa a enni awiei, na da a edi akyiri no menyan no ama no nkwa foforo. 55 Me honam ne aduan pa no, na me mogya nso ne nsu pa no. 56 Obiara a odi me honam aduan na ɔnom me mogya nsu no te me mu, na me nso mete ne mu. 57 Sɛnea Agya teasefo no somaa me na ɔno nti mete ase no, saa ara nso na obiara a odi me honam aduan no, me nti ɔbɛtena ase. 58 Eyi ne brodo a efi ɔsoro bae. Ɛnte mana a yɛn nenanom dii sare so na wowuwui no. Saa brodo yi de, obiara a obedi bi no bɛtena ase daa."

Veja também