66 Esiane saa nsɛm a Yesu kae no nti, nʼakyidifo no mu pii twee wɔn ho fii ne ho na wɔanni nʼakyi bio.
67 Yesu huu saa no, obisaa asuafo dumien no se, "Mo nso mubegyae mʼakyidi ana?"
68 Simon Petro buaa no se, "Awurade, hena nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ nsɛm a ɛwɔ nkwa a enni awiei. 69 Na yegye wo nsɛm no di na yenim sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkron no."