Pular para o conteúdo
Publicidade

Yohane 7

Yesu Kyerɛkyerɛ Afahyɛ No Ase

14 Afahyɛ no duu ne mpɔmpɔnso no, Yesu kɔɔ asɔredan mu kɔkyerɛkyerɛe. 15 Bere a Yudafo mpanyin no tee Yesu nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa na wobisae se, "Onipa yi nsuaa nhoma da, na ɛyɛɛ dɛn na otumi kyerɛkyerɛ sɛɛ yi?"

16 Yesu buaa wɔn se, "Nea merekyerɛ no mfi mʼankasa, na mmom efi Onyankopɔn a ɔsomaa me no. 17 obi ɔyɛ Onyankopɔn apɛde a obehu me nkyerɛkyerɛ no fi Onyankopɔn nkyɛn anaa efi mʼankasa. 18 Obiara a ɔde nʼadwene kasa no anuonyam ma ne ho, na obiara a ɔpɛ anuonyam ma nea ɔsomaa no no ɔnokwafo a nnaadaa biara nni ne mu.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também