28 Gabriel huu no ara pɛ, ɔka kyerɛɛ no se, "Asomdwoe nka wo! Awurade ka wo ho, wo a Awurade adom wo."
29 Ɔbɔfo no asɛm no maa Maria adwene mu yɛɛ no nnaa ma obisaa ne ho se, "Na saa nkyia yi ase ne dɛn?" 30 Ɔbɔfo no san ka kyerɛɛ Maria bio se, "Maria, nsuro, efisɛ Awurade adom wo. 31 Tie! Ɛrenkyɛ biara wubenyinsɛn na woawo ɔbabarima na woato ne din Yesu.