Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 1

Maria Ayeyi Dwom

46 Maria kae se,

"Me kra kamfo Awurade.

47 Na me honhom ani gye mʼagyenkwa Nyankopɔn mu;

48 efisɛ wahu nʼafenaa mmɔborɔni mmɔbɔ,

na efi nnɛ, awo ntoatoaso nyinaa bɛfrɛ me nea Onyankopɔn ahyira no.

49 Efisɛ Ɔkronkronni Tumfo no ayɛ ade kɛse ama me;

50 nʼahummɔbɔ fi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso

ma wɔn a wosuro no na wodi no ni no nyinaa.

51 Ɔde ne nsa a tumi mu no

abɔ ahomasofo ne ahantanfo ne wɔn nsusuwii apete.

52 Watu abirɛmpɔn ade so

ama ahobrɛasefo so.

53 Wama wɔn a ahia wɔn no nnepa

na wagya ahonyafo kwan nsapan.

54 Waboa nʼakoa Israel

na ne werɛ amfi ne mmɔborɔhunu ne ne

55 a ɔhyɛɛ yɛn agya Abraham ne nʼasefo no da."

Veja também