Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 1

Sakaria Nkɔmhyɛ

67 Honhom hyɛɛ nʼagya Sakaria ma ma ɔhyɛɛ nkɔm se,

68 "Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn,

waba abegye ne manfo.

69 Ɔde Agyenkwa Tumfo a ɔyɛ ne somfo Dawid aseni rebrɛ yɛn,

70 sɛnea ɔnam nʼadiyifo akronkron so fii teteete hyɛɛ

71 , ɔbɛma yɛn Agyenkwa a obegye yɛn afi yɛn atamfo

ne wɔn a wokyi yɛn no nsam no,

72 obehu yɛn agyanom mmɔbɔ

na wakae nʼapam kronkron no,

73 ntam a ɔka kyerɛɛ yɛn agya Abraham no:

74 obegye yɛn afi yɛn atamfo nsam no,

na yɛasom no a osuro biara nni mu.

75 Na yɛn nkwa nna nyinaa mu, yɛayɛ kronkron ne atreneefo nʼanim.

76 "Na wo, akokoaa yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no Odiyifo

efisɛ wo na wubesiesie ɔkwan ama Agyenkwa no,

77 na wobɛkyerɛ ne manfo kwan a

wɔnam bɔnefakyɛ so nya nkwa a enni awiei;

78 na eyinom nyinaa bɛba mu efisɛ

Onyankopɔn mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no,

79 na ɛbɛma hann a efi ɔsoro abepue yɛn so

ahyerɛn wɔn a wɔte sum ne owu sum mu no so,

na akyerɛ yɛn kwan akɔ asomdwoe mu."

Veja também