Samariani A Ohuu Mmɔbɔ No
30 Yesu nso maa no mfatoho bi se, "Da bi, na ɔbarima bi retu kwan afi Yerusalem akɔ Yeriko. Na ɔnam ɔkwan so no, ɔkɔtɔɔ akwamukafo mu na wogyee ne ho nneɛma nyinaa, hwee no, pirapiraa no ma ɔtɔɔ beraw, gyaw no too ɔkwan kyɛn kɔe. 31 Ankyɛ biara, Yudani sɔfo bi bepuee ne so, nanso ɔman faa nkyɛn kɔe. 32 Saa ara nso na Lewini bi nso bepuee ne so man faa nkyɛn. 33 Ankyɛ biara na Samariani bi nso beduu hɔ. Ohuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ. 34 Ɔkɔkotow ne nkyɛn, hohoroo nʼapirakuru no anim, de aduru guguu mu, kyekyeree. Afei ɔmaa no so de no tenaa nʼafurum so dii aboa no nkyɛn de no kɔɔ ahɔhobea bi hwɛɛ no anadwo mu no nyinaa. 35 Ade kyee no ogyaw ahɔhobea sohwɛfo no sika a ɛbɛso no hwɛ sɛ ɔmfa nhwɛ no. Ɔsan hyɛɛ no bɔ se, ‘Ka foforo biara a wobɛbɔ wɔ ne ho no, mɛba abetua.’
36 "Afei saa nnipa baasa yi mu hena na ɔyɛɛ ne yɔnko?"
37 Mmaranimfo no buae se, "Nea ohuu opirafo no mmɔbɔ no."
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, "Wo nso, kɔ na kɔyɛ saa ara."