Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 12

15 Ɔtoaa so se, "Monhwɛ mo ho yiye adifudepɛ ho efisɛ onipa nkwa nnyina nʼahonya dodow a ɔwɔ so."

16 Afei obuu wɔn yi se, "Ɔdefo bi a na ɔwɔ asase pa a ɛmaa no nnɔbae pii. 17 Esiane na ne nnɔbae no nkɔ pata a wabɔ no so nti ɛyɛɛ no dadwen ma obisaa ne ho se, Minnya baabi a mede me nnɔbae bebrebe yi begu menyɛ no dɛn?

18 "Afei ɔkae se, Minim nea mɛyɛ. Mebubu me pata yi nyinaa na mabɔ no akɛse de nea mewɔ nyinaa asie . 19 Na maka akyerɛ me kra se, "Ɔkra, ma wʼani nnye na didi, na nom, efisɛ wowɔ nneɛma pa pii a ɛbɛso wo mfe bebree!" 

20 "Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, Ɔkwasea! Anadwo yi ara wobegye wo kra afi wo nsam, na hena na nneɛma bebree a woapɛ agu yi, wode begyaw no?

21 "Ɛno nti saa ara na obiara a ɔbɛboaboa agyapade ano de ne ho ato so no nyɛ ɔdefo Onyankopɔn anim ne no."

Veja também