Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 14

Yesu Farisini Bi Fi

1 Homeda bi, Farisini panyin bi too nsa frɛɛ Yesu adidi. Adidi no ase no, na wɔn a wɔahyia no nyinaa rehwɛ nea Yesu bɛyɛ. 2 Na ɔbarima bi a ɔyare ahonhon. 3 Yesu bisaa Farisifo no ne mmaranimfo a na wɔwɔ no se, "Mmara ma ho kwan wɔsa yare homeda ana?" 4 Wɔammua no. Enti Yesu soo ɔyarefo no mu saa no yare, gyaa no kwan.

5 Yesu bisaa wɔn a wɔahyia no nyinaa se, "Mo mu hena na nʼafurum abura mu homeda a ɔrenyi no da no ara?" 6 Nanso wɔantumi ammua no.

7 Afei Yesu huu nnipa a wɔfrɛɛ wɔn baa adidi no ase no mu biara ɔtena mpanyin tenabea no, obuu wɔn bi se, 8 "obi to nsa frɛ wo aponto ase a, mpere wo ho nkɔtena mpanyin tenabea, efisɛ ebia na wato nsa afrɛ onipa titiriw bi a ɔsen wo. 9 ɛba saa a, nea ɔtoo nsa frɛɛ wo no betu wo afi akongua a wote so no so de ama nea ɔsen wo no na wode aniwu akɔtena akyi baabi. 10 Enti obi hyia wo aponto ase a, kɔtena akyi baabi na nea ohyiaa wo no behu wo a, waka akyerɛ wo se, Onua, sɔre na kɔtena mpanyin tenabea. 11 Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so."

12 Afei Yesu ka kyerɛɛ Farisini a ɔtoo nsa frɛɛ no no se, "woto pon a mfrɛ wo nnamfo, wo nuanom, wʼabusuafo ne asikafo a wo ne wɔn fipam nko ara; woyɛ saa a wɔn nso bɛto nsa afrɛ wo bi na ɛba saa a na wonyɛɛ hwee ɛ. 13 Na woto pon a hyia ahiafo, mmubuafo, mpakye ne anifuraefo. 14 Esiane wɔrentumi nyɛ saa bi mma wo no nti, da a atreneefo bɛsɔre afi awufo mu no, Onyankopɔn behyira wo."

Aponto Kɛse No Ho

15 Wɔn a wɔte adidii no mu baako tee nea Yesu kae no; ɔkae se, "Nhyira nka nea obedidi Onyankopɔn ahenni no mu."

16 Yesu buaa no se, "Da bi, ɔbarima bi too pon kɛse hyiaa nnipa bebree. 17 Bere soe no, ɔnam tumi so somaa ne somfo bi se ɔnkɔfrɛ wɔn a wɔahyia wɔn no se wɔmmra.

18 "Nanso, wɔn nyinaa yiyii wɔn ho ano. Nea odi kan no yii ne ho ano se, Matɔ asase a nnɛ na ɛsɛ mekɔhwɛ enti mesrɛ no merentumi mma.

19 "Na ɔfoforo nso yii ne ho ano se, Matɔ anantwi du a mede wɔn bɛyɛ mʼafuw a nnɛ na ɛsɛ mekɔsɔ wɔn hwɛ enti mesrɛ no merentumi mma.

20 "Ɔfoforo bi nso yii ne ho ano se, Afei na maware, enti merentumi mma.

21 "Ɔsomfo no san bɛbɔɔ ne wura no amanneɛ no, ɔde abufuw somaa no bio se, Ka wo ho mmɔnten so ne mmantam na kɔfrɛfrɛ ahiafo, mmubuafo, anifuraefo ne mpakye wɔmmra.

22 "Ɔsomfo no kɔfrɛfrɛɛ nnipa no bae, nanso na afa da so ara.

23 "Ɛno nti owura no san somaa no se, akwan so ne mfikyiri na frɛ obiara a wubehu no no se, mato pon, enti wɔmmra. 24 Na merema woate ase , nnipa a metoo nsa hyiaa wɔn no mu biara nni a mʼaduan yi bi bɛka nʼano da biara da.’ "

Yesu Akyidi

25 Da bi a na nkurɔfo akuwakuw bi di Yesu akyi no, ɔdan ne ho ka kyerɛɛ wɔn se, 26 "obi odi mʼakyi a, ɛsɛ ɔdɔ me sen nʼawofo, ne yere, ne mma, ne nuanom ne nʼankasa ho, anyɛ saa a ɔrentumi nyɛ me suani. 27 Obiara a odi mʼakyi na ontumi nnyina amanehunu ano no, rentumi nyɛ me suani.

28 "Mo mu hena na ɔpɛ osi aban a ɔrentena ase nsese nhwɛ ɔwɔ sika a ɔde bewie? 29 Anyɛ saa na ofi ɔdan no ase na wantumi anwie a, wɔn a wohu no nyinaa bɛserew no, 30 aka se, Onipa yi fii ase ɔresi dan, nanso wantumi anwie.

31 "Anaasɛ ɔhene bɛn na okura asraafo mpem du na ɔrekohyia ɔsahene foforo a okura asraafo mpem aduonu a, ɔrenkari ne ho nhwɛ ansa na wakɔ akono? 32 Na ɔhwɛ na ɔrentumi nso a, ansa koraa na ɔsahene foforo no bɛbɛn no no, otu abɔfo kohu no se, ɔmma wonsiesie wɔn ntam na asomdwoe mmra. 33 Ɛno nti obiara a wampa ne ho akyi no rentumi nyɛ me suani.

34 "Nkyene . Na ɛyera ne a, ɔkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ bio? 35 So nni mfaso mma biribiara. Wɔbɛtow agu.

"Nea ɔwɔ aso a obetie no, ontie."

Veja também