Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 15

Ɔyera Ba

11 Yesu san buu wɔn ɔyera ho bi se, "Ɔbarima bi a na ɔwɔ mmabarima baanu. 12 Wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ nʼagya no se, Mʼagya, fa me kyɛfa a mewɔ wʼagyapade mu no ma me!Ɔbarima no kyɛɛ nʼagyapade mu de ne ba no kyɛfa maa no.

13 "Nna tiaa bi akyi no, ne ba kumaa yi boaboaa nʼahode nyinaa ano tuu kwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so kɔbɔɔ ahohwi bra hweree nʼahode nyinaa. 14 Ɛno akyi no, ɔkɔm kɛse bi baa asase no so maa ne ho kyeree no. 15 Ɛbaa saa no, ɔde ne ho kɔdan kuroni bi a ɔma ɔkɔhwɛɛ ne mprako so. 16 Ɔwɔ no, ɔkɔm dee no maa ne kɔn dɔɔ anka obenya aduan a mprako no di no bi mpo adi, nanso wannya.

17 "Nʼani baa ne ho so no, ɔkae se, Apaafo a wɔwɔ mʼagya fi didi mee, ma bi ka ma wɔtow gu. Adɛn na mete ha na ɔkɔm rekum me yi! 18 Mɛsɔre akɔ mʼagya nkyɛn na maka akyerɛ no se, Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, 19 na memfata wɔfrɛ me wo ba bio; fa me wʼapaafo no mu baako. 20 Osii mu ɔresan aba nʼagya nkyɛn.

"Ɔnam kwan so akyirikyiri reba no, nʼagya no huu no, enti ɔde ayamhyehye yɛɛ ntɛm kohyiaa no, bam no, yɛɛ no atuu.

21 "Aberante yi ka kyerɛɛ nʼagya no se, Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, na memfata wofrɛ me wo ba bio.

22 "Nʼano ansi koraa na nʼagya no frɛɛ nʼasomfo ka kyerɛɛ wɔn se, Monka mo ho nkɔfa ntama pa mmefura no na monhyɛ no pɛtea ne mpaboa a ɛyɛ . 23 Afei munkokum nantwi ba a wadɔ srade no mfa nyɛ aduan, na yennidi, nnom, nnye yɛn ani, 24 efisɛ na misusuw me ba yi awu, sɛɛ na ɔte ase; ɔyerae, nanso wasan aba.Wofii ase gyee wɔn ani.

25 "Ne ba panyin a na ofi afum reba no duu afikyiri no, ɔtee nnwonto ne ahurusidi fie . 26 Ɛno nti ɔfrɛɛ asomfo no mu baako bisaa no nea ɛrekɔ so fie . 27 Ɔsomfo no ka kyerɛɛ no se, Wo nua no asan aba a biribiara anyɛ no enti, wʼagya akum nantwi ba a wadɔ srade no ama no.

28 "Ɔtee saa no, ne bo fuwii, enti ɔyɛɛ nʼadwene ɔrenkɔ fie . Nʼagya tee no, ofii adi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no. 29 Ne ba no de awerɛhow buaa no se, Agya, masom wo mfe dodow yi nyinaa a nea wobɛka biara mitie, nanso wommaa me oguan ba mpo da minkum na me ne me nnamfonom mfa nnye yɛn ani. 30 Nanso wo ba a ɔkɔbɔɔ ahohwi no bae yi de, woakum nantwi ba a wadɔ srade no ama no.

31 "Nʼagya buaa no se, Me ba, me ne wo na ɛte ha. Biribiara a mewɔ nso wo dea. 32 Ɛsɛ yegye yɛn ani, efisɛ na misusuw wo nua yi awu, sɛɛ na ɔte ase; ɔyerae, nanso wasan aba.’ "

Veja também