Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 16

Ofi Sohwɛfo Okontomponi No

1 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, "Ɔdefo bi a na ɔwɔ ofi sohwɛfo bi. Ɔdefo yi tetee ne fi sohwɛfo no resɛe ne nneɛma. 2 Ɔtee saa asɛm no, ɔfrɛɛ ne fi sohwɛfo no ka kyerɛɛ no se, Dɛn na metete fa wo ho yi? Bebu wʼadwuma ho akontaa kyerɛ me na merentumi ne wo nyɛ adwuma bio.

3 "Ofi sohwɛfo no kaa ne tirim se, Menyɛ dɛn ni? Nnɛ a wɔrepam me afi fie ha yi, ɛhe na mɛfa? Minni ahoɔden a mede bɛdɔw, na mefɛre nso mɛsrɛsrɛ ade. 4 Minim nea mɛyɛ a ɛbɛma wɔn a wɔdede me wura aka no behu me mmɔbɔ.

5 "Enti ɔfrɛfrɛɛ wɔn a wɔdede ne wura aka no mmaako mmaako. Obisaa nea odi kan no se, Ɛka ahe na wode me wura?

6 "Obuae se, Mede ngo nhina aduonu ka.

"Enti ɔka kyerɛɛ no se, ntɛm tena ase na twa mu na kyerɛw , wode ngo nhina du ka.

7 "Ɛno akyi no, ɔfrɛɛ ɔfoforo bi nso bisaa no se, Na wo nso, ka ahe na wode me wura?

"Ɔno nso buae se, Mede aburow nkotoku ɔha ka.

"Ɔka kyerɛɛ no se, Tena ase na twa mu na kyerɛw , wode nkotoku aduonum ka!

8 "Ɔdefo no huu nea ofi sohwɛfo no yɛe no akyi, nanso ɔnam fɛwdi so kamfoo no nʼanifiri no ho. Saa ara nso na wiase yi mma susuw wonim nyansa sen wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn akyidifo no. 9 Na me nso mise mo , momfa wiase ahonyade no bi nyɛ nnamfo, na ɛsa a wɔagye mo.

10 "Nanso nea odi nokware kakraa bi ho no bedi nokware pii ho; na nea onni nokware kakraa bi ho no rentumi nni nokware pii ho. 11 moantumi anni nokware wiase nneɛma ho a, hena na ɔde ɔsoro nnepa bɛhyɛ mo nsa? 12 moanni nokware obi ade bi a wɔde ahyɛ mo nsa no ho a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔde nea ɛsɛ ɛyɛ mo dea no bɛma mo?

13 "Ɔsomfo biara rentumi nsom awuranom baanu, efisɛ ɔyɛ saa a, ɔbɛdɔ ɔbaako na watan ɔbaako anaasɛ, ɔbɛsom ɔbaako yiye na wabu ɔbaako animtiaa. Morentumi nsom Onyankopɔn ne ahonyade."

14 Farisifo sikaniberefo no tee nea Yesu kae no, wodii ne ho fɛw. 15 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Moyɛ nnipa a mubu mo ho atreneefo nnipa anim, nanso Onyankopɔn nim mo koma mu. Na nea ɛsom bo nnipa ani so no akyide Onyankopɔn anim.

16 "Ansa na Osuboni Yohane bɛba no na Mose mmara ne adiyifo no nsɛm no na mudi so. Na Osuboni Yohane bae no ɔbɛkaa Onyankopɔn ahenni ho nsɛm kyerɛɛ mo, nti nnipa repere wɔbɛkɔ saa ahenni no mu. 17 Ɛyɛ mmerɛw ɔsoro ne asase betwa mu sen mmara no mu nsensanee ketewa baako mpo bɛyera.

18 "Obiara a ogyaa ne yere aware na ɔware ɔfoforo no aguaman; na nea ɔware ɔbea biara a ne kunu agyaa no no nso, aguaman."

Ɔdefo Bi Ne Lasaro

19 Yesu toaa so kae se, "Ɔdefo bi tenaa ase a na daa ofura ntama pa na ogye nʼani yiye nso. 20 Na ɔbarima hiani bi a akuru atutu no a wɔfrɛ no Lasaro no nso da nʼabobow ano. 21 Ɔbarima yi kɔn dɔɔ anka obenya aduan a ɔdefo no adi ama aka no bi adi. Saa bere koro no ara mu na akraman ba faako a na ohiani no da no bɛtaforo nʼakuru no mu.

22 "Ohiani no wu maa abɔfo bɛfaa no kɔtenaa Abraham nkyɛn. Ɔdefo no nso wu ma wosiee no. 23 Ɔdefo no asaman a ne ho yeraw no no, ɔmaa nʼani so huu Lasaro ɔte Abraham nkyɛn. 24 Ɔdefo no teɛɛ mu se, Agya Abraham, mesrɛ wo hu me mmɔbɔ na soma Lasaro na ɔmfa ne nsateaa ano nkɔbɔ nsu mu mfa mmɛsɔ me tɛkrɛma so na me ho yeraw me.

25 "Abraham buaa no se, Me ba, kae wote wiase no wudii na Lasaro dii yaw, nanso afei na ɔredi na wo nso woredi yaw. 26 Ɛnyɛ eyi nko, obon kɛse da yɛn ne mo ntam a ɛno nti, wɔn a wɔpɛ wofi ha ba mo nkyɛn ne wɔn a wɔpɛ wofi mo nkyɛn ba ha no nso rentumi mma.

27 "Ɔdefo no san ka kyerɛɛ Abraham se, Agya, mesrɛ wo, soma Lasaro mʼagya fi, 28 efisɛ mewɔ nuabarimanom baanum. Ma ɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mu biara remma saa ahoyeraw yi mu bi.

29 "Abraham buaa no se, Wɔwɔ nsɛm a Onyankopɔn nam Mose ne adiyifo no so aka enti ma wontie na wonni so.

30 "Ɔdefo yi kaa bio se, Agya Abraham, nea woreka yi mu de, nanso obi fi asaman ha kɔbɔ wɔn kɔkɔ de a, wɔbɛsakra wɔn adwene.

31 "Abraham buae se, wɔantie nea Onyankopɔn nam Mose ne adiyifo no so aka no a, saa ara nso na obi fi asaman ha kɔkasa kyerɛ wɔn a, wɔrentie no no.’ "

Veja também