Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 19

Ɔtowgyeni Sakeo

1 Da bi a na Yesu retwa mu Yeriko no, 2 ohuu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Sakeo. Na Sakeo ɔtowgyeni panyin san osikani nso. 3 Bere a Yesu retwa mu no, Sakeo pɛɛ anka ohu no, nanso esiane na ɔyɛ onipa tiaa na wɔn a wodi Yesu akyi no dɔɔso nti, wanhu no. 4 Esiane na Sakeo nim Yesu bɛfa nnyedua bi a na esisi no ase nti, ɔyɛɛ ntɛm kɔforoo saa nnyedua no mu baako.

5 Bere a Yesu duu nnyedua no ase no, ɔmaa nʼani so huu no ka kyerɛɛ no se, "Sakeo, ntɛm na si fam na wo fi na nnɛ mɛtena." 6 Sakeo yɛɛ ntɛm sii fam de anigye gyee no fɛw so.

7 Nnipa a wodi Yesu akyi no huu eyi no, wonwiinwii kae se, "Ɔdebɔneyɛni yi na wakɔ akɔsoɛ no."

8 Bere a nnipa no renwiinwii no, Sakeo begyinaa Yesu nkyɛn kae se, "Awurade, nnɛ, mede mʼahode mu fa kyɛ ahiafo, na masisi obi biribi mu a, metua mmɔho anan ama no."

9 Yesu ka kyerɛɛ no se, "Nnɛ na nkwagye aba ofi yi mu, efisɛ oyi nso Abraham ba. 10 Na mebae merebɛhwehwɛ wɔn a wɔayera na magye wɔn nkwa."

Veja também