Pular para o conteúdo
Publicidade

Luka 19

2 ohuu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Sakeo. Na Sakeo ɔtowgyeni panyin san osikani nso. 3 Bere a Yesu retwa mu no, Sakeo pɛɛ anka ohu no, nanso esiane na ɔyɛ onipa tiaa na wɔn a wodi Yesu akyi no dɔɔso nti, wanhu no. 4 Esiane na Sakeo nim Yesu bɛfa nnyedua bi a na esisi no ase nti, ɔyɛɛ ntɛm kɔforoo saa nnyedua no mu baako.

5 Bere a Yesu duu nnyedua no ase no, ɔmaa nʼani so huu no ka kyerɛɛ no se, "Sakeo, ntɛm na si fam na wo fi na nnɛ mɛtena." 6 Sakeo yɛɛ ntɛm sii fam de anigye gyee no fɛw so.

7 Nnipa a wodi Yesu akyi no huu eyi no, wonwiinwii kae se, "Ɔdebɔneyɛni yi na wakɔ akɔsoɛ no."

8 Bere a nnipa no renwiinwii no, Sakeo begyinaa Yesu nkyɛn kae se, "Awurade, nnɛ, mede mʼahode mu fa kyɛ ahiafo, na masisi obi biribi mu a, metua mmɔho anan ama no."

Veja também