Yesu Hyɛn Yerusalem Sɛ Ɔhene
28 Yesu kaa nsɛm yi wiee no, odii nʼasuafo no kan kɔɔ Yerusalem. 29 Ɔrebɛn Betfage ne Betania a ɛbɛn Ngo Bepɔw so no, ɔsomaa nʼasuafo no mu baanu ka kyerɛɛ wɔn se, 30 "Monkɔ akuraa a ɛbɛn ha no ase na mudu hɔ a, mubehu afurum ba bi a obiara ntenaa ne so da sɛ wɔasa no. Monsan no mfa no mmrɛ me. 31 Sɛ obi bisa se ‘Adɛn nti na moresan no’ a, monka nkyerɛ no se, ‘Ne ho hia Awurade.’ "
32 Asuafo baanu a wɔkɔe no kohuu aboa no sɛ ɔsa hɔ sɛnea Yesu kae no. 33 Bere a wɔresan afurum ba no, ne wuranom bisaa wɔn se, "Adɛn nti na moresan aboa no?"
34 Wobuaa wɔn se, "Ne ho hia Awurade."
35 Asuafo no de afurum ba no brɛɛ Yesu de wɔn ntama sesɛw ne so ma ɔtenaa ne so. 36 Yesu te afurum ba no so rekɔ no, nnipa de wɔn ntama sesɛw ɔkwan no so ma ɔfaa so.
37 Oduu Ngo Bepɔw no so baabi a wɔrebesian akɔ Yerusalem no, nʼakyidifo no nyinaa de osebɔ kamfoo Onyankopɔn, yii no ayɛ wɔ Yesu anwonwade ahorow a wayɛ no ho se,
38 "Nhyira nka ɔhene a ɔreba Awurade din mu no!"
"Asomdwoe ne anuonyam nka Onyankopɔn wɔ ɔsorosoro nohɔ!"
39 Farisifo no bi a na wɔfra nnipakuw no mu no ka kyerɛɛ Yesu se, "Kyerɛkyerɛfo, kasa kyerɛ wʼakyidifo no na wommua wɔn ano!"
40 Yesu buaa wɔn se, "Sɛ womua wɔn ano koraa a, abo mpo bɛkamfo me, ayi me ayɛ."