Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 2

Yesu Awo

1 Saa bere no na Kaesare Augusto a na ɔyɛ Roma hempɔn no hyɛɛ mmara bi se wɔnkan ne man no mu nnipa nyinaa. 2 Saa nnipakan yi ne nea edi kan Kirenio a ɔyɛ amrado Siria no bere so. 3 Obiara kɔɔ ne kurom ma wɔkyerɛw ne din.

4 Esiane na Yosef Ɔhene Dawid busuani nti, na ɛsɛ ofi Galilea kurow a wɔfrɛ no Nasaret mu Betlehem a ɛwɔ Yudea. 5 Ɔne ne yere Maria a saa bere no na ɔyem no na wɔkɔe.

Veja também