Pular para o conteúdo
Publicidade

Luka 2

Wɔde Yesu Hyiadan Mu

22 Bere duu Yosef ne Maria kodwira wɔn ho sɛnea Mose mmara kyerɛ no, wɔde abofra no kɔɔ Yerusalem wɔde no rekɔhyɛ Onyankopɔn nsa. 23 Sɛnea Mose mmara no kyerɛ no, "ɔbea wo nʼabakan na ɔyɛ ɔbarima a wɔde no ma Awurade." 24 Wɔkɔɔ asɔredan no mu nso kɔbɔɔ afɔre, sɛnea mmara no kyerɛ no wɔde nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien na ɛbɔ afɔre no.

25 Da no na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simeon a ɔte Yerusalem no nso asɔredan mu bi. Na Simeon onipa trenee, ɔhotefo a Honhom Kronkron ahyɛ no ma a na daa ɔhwɛ Agyenkwa no kwan. 26 Ɔno na na Honhom Kronkron ayi akyerɛ no se ɔrenwu kosi obehu Agyenkwa a Awurade asra no no. 27 Enti bere a Maria ne Yosef duu asɔredan no mu wɔde abofra no rekɔma Awurade sɛnea mmara no te no, 28 wɔkɔtoo Simeon nso , na Simeon gyee abofra no, hyɛɛ Awurade anuonyam se,

29 "Awurade,

afei ma wʼakoa nwu asomdwoe mu

30 efisɛ mʼani ahu Agyenkwa

31 a wohyɛɛ me ne ho no.

32 Ɔno ne hann a ɛbɛhyerɛn wiase nyinaa

na wahyɛ wo man Israel anuonyam!"

33 Nsɛm a wɔka faa Yesu ho no yɛɛ nʼagya Yosef ne ne na Maria nwonwa. 34 Afei Simeon hyiraa wɔn na ɔka kyerɛɛ ne na Maria se, "Saa abofra yi so na Israelfo mu dodow no ara nkwagye ne wɔn asehwe begyina. 35 Na ɔbɛma dodow no ara tirim ahintasɛm ada adi; na wo Maria de, wubesi apini wo mu."

Ana Nkɔmhyɛ

36 Saa bere no, na Fanuel babea odiyifo Ana a ofi Aser abusua mu no nso bi. Na Ana obi a wanyin. Ɔwaree ne mmabaabere mu ne ne kunu tenae mfe ason na ne kunu no wui. 37 Ne kunu no wu akyi no, ɔyɛɛ kuna kosii odii mfe aduɔwɔtwe anan, na bere biara nso na ɔwɔ asɔredan mu de mmuadadi ne mpaebɔ som Onyankopɔn. 38 Saa bere no ara na ɔno nso begyinaa bi yii Onyankopɔn ayɛ saa ara. Ɔkaa abofra no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ogye a obegye Yerusalem no nyinaa.

Veja também