Yesu Wɔ Hyiadan Mu
41 Afe biara na Yesu awofo kɔ Yerusalem kodi Twam Afahyɛ no.2.41 Na mmara no hyɛ sɛ mmarima a wɔanyinyin nkɔ afahyɛ ahorow abiɛsa no ase afe biara. Afahyɛ ahorow no ne Twam, Pentekoste ne Asese. Ɔkwan no tenten nti, na Yudafo no mu bebree ntumi nkɔ afahyɛ ahorow abiɛsa no nyinaa bi, nanso Twam afahyɛ no de, na wɔbɔ mmɔden kɔ. 42 Sɛnea na wɔn amanne te no, Yesu dii mfe dumien no,2.42 Sɛ mmarimaa di mfirihyia dumien a, wofi ase yɛ ahoboa sɛ wobewura nyamesom mu afe a edi so no mu. nʼawofo de no kɔɔ Yerusalem kodii Twam Afahyɛ no. 43 Wowiee afahyɛ no di a wɔresan akɔ wɔn kurom no, Yesu kaa Yerusalem a nʼawofo no nnim. 44 Wotwaa da koro kwan a wɔn ani baa wɔn ho so sɛ Yesu nka wɔn ho no, wofii ase bisabisaa nʼase fii wɔn abusuafo ne amannifo nkyɛn. 45 Na wɔanhu no no, wɔsan baa Yerusalem bɛhwehwɛɛ no. 46 Ne nnansa akyi no, wokohuu no wɔ Yerusalem asɔredan mu sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo2.46 Yerusalem akyerɛkyerɛfo a wonim mmara no yiye. bi a wɔahyia mu ntam na ɔretie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm. 47 Yesu nyansa ne ne nimdeɛ a ɛdaa adi wɔ ne mmuae nyinaa mu no, yɛɛ nnipa a na wɔretie no no nyinaa nwonwa. 48 Wɔkɔtoo no sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo no mfimfini retie wɔn no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa. Ne na frɛɛ no bisaa no se, "Me ba, adɛn na woyɛ yɛn saa? Woama me ne wʼagya ahwehwɛ wo abrɛ."
49 Yesu buaa wɔn se, "Adɛn nti na mohwehwɛ me? Munnim sɛ ɛyɛ mʼasɛde sɛ metena mʼagya fi som no ana?" 50 Nanso nʼawofo no ante nea ɔkae no ase.
51 Yesu ne nʼawofo kɔɔ Nasaret no, ɔyɛɛ osetie maa wɔn. Ne na de nsɛm a esisii no nyinaa siee ne tirim. 52 Yesu nyinii nyansa mu ne honam fam, na onyaa Onyankopɔn ne nnipa anim adom.