Pular para o conteúdo
Publicidade

Luka 2:8-14

8 Anadwo no ara, na nguanhwɛfo bi nso wɔ sare so baabi rewɛn wɔn nguan. 9 Mpofirim, ɔsoro ɔbɔfo baa wɔn nkyɛn, na Onyankopɔn anuonyam hyerɛn twaa wɔn ho hyia maa wɔn ho dwiriw wɔn. 10 Ɔsoro ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn se, "Munnsuro, mede anigyesɛm rebrɛ mo ne amansan nyinaa. 11 Nnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo Awurade no ama mo wɔ Dawid kurom. 12 Eyi ne nsɛnkyerɛnne a mubehu. Mubehu akokoaa a wɔde kuntu akyekyere ne ho a ɔda mmoa adididaka mu."

13 Amono mu hɔ ara, abɔfokuw bɛkaa ɔbɔfo a ɔwɔ hɔ no ho ma wɔtoo ayeyi dwom se,

14 "Anuonyam nka Ɔsorosoro Nyankopɔn,

na asomdwoe mmra wɔn a wɔsɔ nʼani wɔ asase so no so."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.