Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 23

33 Woduu faako a wɔfrɛ Golgota no, wɔbɔɔ ɔne nnebɔneyɛfo baanu no asennua mu a ɔbaako ne nifa na ɔbaako nso ne benkum. 34 Yesu kae se, "Agya, fa kyɛ wɔn, efisɛ wonnim nea wɔreyɛ." Asraafo no kyekyɛɛ ne ntade mu bɔɔ so ntonto fae.

35 Saa bere no na nnipadɔm no gyinagyina rehwɛ no. Yudafo mpanyimfo no dii ne ho fɛw se, "Ogyee ebinom nkwa; ose ɔno ne Kristo, Onyankopɔn Ba no a, onnye ne ho nkwa na yɛnhwɛ."

36 Asraafo no nso dii ne ho fɛw de nsa a ɛkeka bi brɛɛ no 37 kae se, "wone Yudafo hene no a gye wo ho nkwa."

38 Wɔkyerɛw saa asɛm yi bɔɔ nʼatifi asennua no so se,

"YUDAFO HENE NO NI."

39 Nnebɔneyɛfo baanu a na wɔn nso wɔabɔ wɔn asennua mu no mu baako dii Yesu ho fɛw se, "Ɛnyɛ wone Kristo no? Gye wo ho na gye yɛn nso."

40 Nanso ɔdebɔneyɛni a ɔka ho no kaa nʼanim se, "Wunsuro Onyankopɔn? Hu yɛn nyinaa afɔbu koro no ara mu. 41 Yɛn de, saa asotwe yi fata yɛn; yɛn bɔne so akatua na yɛanya yi, na oyi de, ɔnyɛɛ bɔne biara."

42 Ɔsan kae se, "Yesu, wudu wʼahenni mu a kae me."

43 Yesu buaa no se, "Merehyɛ wo se nnɛ wobɛka me ho Paradise."

Veja também