Pular para o conteúdo
Publicidade

Luka 24:1-7

Yesu Asɔre

1 Kwasida anɔpahema na mmea no de nnuhuam ne ngo no kɔɔ ɔboda no so. 2 Woduu hɔ no wohuu sɛ wɔapirew ɔbo a wɔde hinii ɔboda no ano no afi hɔ. 3 Na wɔkɔɔ ɔboda no mu no na Yesu amu no nna hɔ. 4 Wogyinagyina hɔ a wonhu nea wɔnyɛ no, mpofirim na mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa a ani hyerɛn begyinagyinaa wɔn nkyɛn. 5 Mmea yi koma tui, na wɔkotokotow wɔn, na mmarima no bisaa wɔn se, "Adɛn nti na morehwehwɛ ɔteasefo wɔ awufo mu? 6 Onni ha. Wasɔre! Monnkae asɛm a ɔka kyerɛɛ mo bere a na ɔwɔ Galilea no se, 7 ‘Etwa sɛ wɔde Onipa Ba no hyɛ nnebɔneyɛfo nsa na wɔbɔ no asennua mu na ne nnansa so wasɔre bio’ no?"

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.