18 Mmarima bi baa hɔ a wɔso obubuafo bi. 19 Esiane sɛ na wontumi mfa nnipakuw no mu nkɔ Yesu nkyɛn nti, wɔforoo ɔdan a Yesu wɔ mu no kotuu atifi tokuru, de obubuafo a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu gyaagyaa no brɛoo, kɔtoo Yesu anim.
20 Yesu huu gyidi a wɔwɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefo no se, "Onua, wɔde wo bɔne akyɛ wo."
21 Farisifo no ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no tee asɛm a Yesu kae no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, "Hena ne saa onipa yi a ɔreka abususɛm yi? Hena na otumi sɛ ɔde bɔne kyɛ ka Onyankopɔn ho?"
22 Esiane sɛ Yesu huu nea wodwinnwen no nti, obuaa wɔn se, "Adɛn nti na modwene sɛ asɛm a mekae yi yɛ abususɛm?" 23 Yesu bisaa wɔn se, "Nea ɛwɔ he na ɛyɛ den, sɛ wɔbɛka akyerɛ obi se, wɔde wo bɔne akyɛ wo anaasɛ, wɔbɛka se sɔre na nantew? 24 Na sɛ ɛbɛyɛ na mubehu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ wɔ asase so nti." Mereka akyerɛ wo se, "Sɔre yi wo kɛtɛ na kɔ fie!" 25 Amono mu hɔ ara, ɔsɔre yii ne kɛtɛ kɔɔ fie. Ɔrekɔ no nyinaa na ɔreyi Onyankopɔn ayɛ.