Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 6

6 Homeda foforo bi nso a Yesu rekyerɛkyerɛ asɔredan mu no, na ɔbarima bi a ne nsa nifa awu nso bi. 7 Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne Farisifo no hwɛɛ Yesu komm ɔbɛsa onipa yi yare Homeda yi nso ana. Nea na wɔrehwehwɛ ara ne obebu mmara no so asa yare na wɔn nsa aka no akyere no. 8 Yesu huu wɔn adwene nanso ɔka kyerɛɛ ɔbarima no se, "Sɔre begyina anim ha, na obiara nhu wo." Ɔbarima no sɔre begyinaa .

9 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Merebisa mo. Dɛn na mmara no ma ho kwan yɛnyɛ no Homeda; yɛbɛyɛ papa anaa yɛbɛyɛ bɔne, yebegye obi nkwa anaasɛ yɛbɛma wawu?"

10 Yesu hwɛɛ wɔn nyinaa hyiae na ɔka kyerɛɛ ɔbarima no se, "Teɛ wo nsa." Na ɔteɛɛ ne nsa no, emu yɛɛ den baako no.

Veja também