Pular para o conteúdo
Publicidade

Luka 7

Yesu Nyan Okunafo Bi Ba Nain

11 Eyi akyi no, Yesu ne nʼasuafo ne nnipakuw bi a wɔka ne ho no kɔɔ kurow bi a wɔfrɛ no Nain mu. 12 Woduu kurotia no, ohuu wɔrekosie obi. Na owufo no ɔbea kunafo bi a ɔwɔ kurow no mu no ba barima koro. Na adɔfo bebree di amu no akyi. 13 Awurade Yesu huu no no, nʼasɛm yɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no se, "Gyae su!"

14 Yesu kosoo funnaka no mu maa wɔn a ɛyɛ wɔn de no gyinae. Ɔka kyerɛɛ owufo no se. "Aberante, mise wo , nyan!" 15 Aberante no sɔre tenaa ase na ɔkasae. Afei Yesu de no maa ne na.

16 Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn yiye na woyii Onyankopɔn ayɛ kae se, "Odiyifo kɛse bi asɔre yɛn mu, na Onyankopɔn asian aba ne manfo mu." 17 Nea Yesu yɛɛ yi ho asɛm trɛw koduu Yudea ne nkurow a atwa ho ahyia no nyinaa mu.

Veja também