Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 7

Yesu Di Yohane Ho Adanse

24 Yohane asuafo no fii Yesu nkyɛn kɔe no, Yesu dii Yohane ho adanse kyerɛɛ nnipakuw no. Obisaa wɔn se, "Mokɔɔ sare so no, dɛn na muhui? Sare a mframa rehim no ana? 25 Ɛno de, dɛn na muhui? Obi a ofura sirikyi ana? Ahemfi na yehu wɔn a wodi yiye na wofura ntama pa. 26 Anaa Onyankopɔn diyifo? Ɛno de, mereka akyerɛ mo se, nea muhuu no no sen odiyifo mpo. 27 Na saa Yohane yi na Kyerɛwsɛm no ka fa ne ho se,

" Mɛsoma me bɔfo adi wʼanim kan.

Ɔno na obesiesie kwan ama wo.

28 Meka kyerɛ mo se onipa biara nni a wɔawo no a ɔyɛ kɛse sen Yohane. Nanso nea ɔyɛ akumaa koraa Onyankopɔn ahemman mu no sen no."

29 Na wɔn a wɔtee nea ɔkae no nyinaa a towgyefo mpo ka ho bi gye too mu se, Onyankopɔn ɔtreneeni; na wɔsakraa wɔn adwene maa Yohane bɔɔ wɔn asu. 30 Na Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no de, wɔpoo Onyankopɔn asɛm nti, wɔamma Yohane ammɔ wɔn asu.

Veja também