Yairo Babea
40 Yesu duu asuogya hɔ no, nnipakuw no de anigye hyiaa no kwan, efisɛ na wɔatwɛn no abrɛ. 41 Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yairo a na ɔyɛ Yudafo hyiadan mu panyin baa ne nkyɛn bebuu no nkotodwe, srɛɛ no sɛ, ɔne no nkɔ ne fi 42 na ne babea koro a wadi bɛyɛ mfe dumien reyɛ awu.
Bere a Yesu rekɔ no na nnipakuw no kyere ne so. 43 Ɔbea bi a mogya atu no mfirihyia dumien a obiara ntumi nsa no yare no, 44 fii Yesu akyi soo nʼatade ano. Amono mu hɔ ara na mogya a etu no no twae.
45 Yesu bisae se, "Hena na osoo mʼatade ano no no?"
Obiara buae se ɛnyɛ ɔno. Eyi maa Petro kae se, "Awurade, na sɛ nnipa no akyere wo so."
46 Yesu buaa no se, "Dabi, obi aso mʼatade mu efisɛ mete nka sɛ tumi bi afi me mu."
47 Ɔbea no huu sɛ ohintaw a ɛrenyɛ ye nti, ɔde hu ne ahopopo bebuu Yesu nkotodwe wɔ nnipa no nyinaa anim, kyerɛɛ no nea enti a osoo ne mu ne sɛnea ne ho atɔ no no. 48 Yesu ka kyerɛɛ no se, "Ɔbabea, wo gyidi ama wo ho atɔ wo. Fa asomdwoe kɔ."
49 Yesu gu so rekasa no, obi fi Yairo fi bɛka kyerɛɛ Yairo se, "Wo babea no anya awu enti nhaw Kyerɛkyerɛfo no bio."
50 Yesu tee asɛm no osee Yairo se, "Nsuro, gye di, na wo babea no benyan anya nkwa."
51 Oduu fie hɔ no, wamma obiara anka ne ho ankɔ ɔdan a abofra no da mu no mu gye Petro, Yohane, Yakobo ne abofra no awofo nko ara. 52 Na nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa resu di awerɛhow. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Munnsu, onwui na wada."
53 Wɔserew no dii ne ho fɛw, efisɛ na wɔn de, wonim pefee sɛ wawu. 54 Yesu soo ne nsa ka kyerɛɛ no se, "Me ba, sɔre!" 55 Amono mu hɔ ara, ɔsɔree na Yesu kae se wɔmma no biribi nni. 56 Nʼawofo no ho dwiriw wɔn yiye nanso Yesu bɔɔ wɔn ano se, wɔnnka nea asi no nkyerɛ obiara.