Pular para o conteúdo
Publicidade

Luka 9

Yesu Ma Nnipa Mpem Anum Aduan

10 Asomafo no fii wɔn akwantu mu bae no, wɔbɔɔ nsɛm a esisii nyinaa ho amanneɛ kyerɛɛ Yesu. Eyi akyi na Yesu ne wɔn twee wɔn ho kɔɔ baabi a ɛbɛn Betsaida. 11 Nnipadɔm no huu nea Yesu ne nʼasomafo no no, wotiw wɔn ma ogyee wɔn fɛw so, kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm kyerɛɛ wɔn, saa ayarefo yare.

12 Anim rebiribiri no, dumien no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, "Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkurow ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi mu nkɔpɛ nea wobedi ne nea wɔbɛda, efisɛ faako a yɛwɔ yi sare so."

13 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Mo ara momma wɔn biribi nni."

Wobuaa no se, "Yɛwɔ brodo anum ne mpataa abien . Ɛno nti gye yɛkɔtɔ aduan brɛ wɔn nyinaa." 14 Na nnipa bɛyɛ mpem anum na wɔahyia .

Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, "Monhwɛ na nnipa no ntenatena ase aduonum aduonum." 15 Wɔyɛɛ sɛnea Yesu kae no. 16 Afei Yesu faa brodo anum no ne mpataa abien no na ɔhwɛɛ ɔsoro, daa so ase, hyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafo no se wɔnkyɛ mma nnipa no. 17 Obiara didi mee. Asuafo no boaboaa nea wodi ma ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien.

Veja também