12 Anim rebiribiri no, dumien no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, "Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkurow ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi mu nkɔpɛ nea wobedi ne nea wɔbɛda, efisɛ faako a yɛwɔ yi yɛ sare so."
13 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Mo ara momma wɔn biribi nni."
Wobuaa no se, "Yɛwɔ brodo anum ne mpataa abien pɛ. Ɛno nti gye sɛ yɛkɔtɔ aduan brɛ wɔn nyinaa." 14 Na nnipa bɛyɛ mpem anum na wɔahyia wɔ hɔ.
Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, "Monhwɛ na nnipa no ntenatena ase aduonum aduonum." 15 Wɔyɛɛ sɛnea Yesu kae no. 16 Afei Yesu faa brodo anum no ne mpataa abien no na ɔhwɛɛ ɔsoro, daa so ase, hyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafo no se wɔnkyɛ mma nnipa no. 17 Obiara didi mee. Asuafo no boaboaa nea wodi ma ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien.