Kristo Akyidi Mu Brɛ
57 Bere a wɔrekɔ no, ɔbarima bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, "Baabiara a wobɛkɔ no, medi wʼakyi."
58 Yesu buaa no se, "Sakraman wɔ wɔn abon, wim nnomaa nso wɔ mmerebuw, nanso me, Onipa Ba no de, minni baabi a mede me ti to!"
59 Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima foforo bi nso se, "Bedi mʼakyi."
Nanso ɔbarima no kae se, "Awurade, ma me kwan na minkosie mʼagya ansa."
60 Yesu ka kyerɛɛ no se, "Ma wɔn a wɔte ase na wɔawu wɔ honhom mu no nyɛ saa nnwuma no, na wo de, kɔka Onyankopɔn ahenni no ho asɛm kyerɛ amanaman nyinaa."
61 Na ɔfoforo nso kae se, "Awurade, medi wʼakyi nanso ma me kwan na me ne mʼabusuafo nkodi nkra ansa."
62 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se, "Obiara a ɔbɛma nʼadwene ayɛ no ntanta wɔ dwumadi bi a mede ahyɛ ne nsa no ho no, ɔmfata Onyankopɔn ahenni no."