Pular para o conteúdo
Publicidade

Kwadwom 3:1-9

1 Mene ɔbarima a mahu amane

wɔ nʼabufuw abaa ano.

2 Wapam me afi ne ho ama manantew

sum mu na ɛnyɛ hann mu;

3 Ampa ara wama nsa so atia me

mpɛn bebree, da mu nyinaa.

4 Wama me were ne me nam anyin

Na wabubu me nnompe.

5 Waka me ahyɛ mu, na watua me ano

ɔde nweenwen ne ahokyere atwa me ho ahyia.

6 Wama matena sum mu

sɛ wɔn a wɔawuwu dedaw no.

7 Wato ɔfasu atwa me ho ahyia enti mintumi nguan;

wagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ama matɔ beraw.

8 Mpo sɛ mefrɛ anaasɛ mebɔ mpae srɛ mmoa a

osiw me mpaebɔ ano.

9 Ɔde abotan asiw me kwan;

wama mʼakwan ayɛ kɔntɔnkye.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Lamentações
Ver todos os capítulos de Lamentações